Atemmufo 15 - KYERƐW KRONKRONSamson ne sakraman ahasa no 1 Na ɛkyɛe kakra no, awitwa bere mu, Samson de apapowa kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkae sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbea no agya amma no kwan ankɔ mu. 2 Na n’ase kae sɛ: Me de, mise, wompɛ no bio, enti mede no mama wo yɔnko bi. Ne nua kumaa no ho yɛ fɛ sen no. Fa no si n’ananmu. 3 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi de, sɛ me ne Filistifo di no bɔne a, merenni ho so bi. 4 Na Samson siim kɔe kɔkyeree sakraman ahasa, na ɔfaa agyatɛn, na ɔde dua sii dua anim de gyatɛn hyɛɛ dua abien biara ntam. 5 Na ɔsosɔɔ agyatɛn no ano, na ogyaa wɔn kɔɔ Filistifo no awifuw mu ma ɛhyew awi akuwakuw ne awi a esisi hɔ ne ngodua nturo no. 6 Ɛnna Filistifo no kae sɛ: Hena po na ɔyɛɛ eyi? Na wose: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko ntia. Ɛnna Filistifo no siim kɔe de ogya kɔhyew Timnani no ne n’agya fi. 7 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae. 8 Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonku so kunkum wɔn okunkɛse. Na osiim kɔtenaa Etam botan tokuru mu. Samson ne afurum abogye 9 Ɛnna Filistifo bae bɛbɔɔ Yuda so nsra, na wɔtrɛw wɔn ho mu wɔ Lehi. 10 Na Yuda mmarima no kae sɛ: Ɛdɛn nti na moba yɛn so yi? Na wose: Yɛreba abɛkyere Samson, na yɛayɛ no sɛnea ɔyɛɛ yɛn no. 11 Na Yuda mmarima mpensa siim kɔɔ Etam botan tokuru no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: So wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so, na ɛdɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn. 12 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyere wo de wo akɔhyɛ Filistifo no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka me ntam sɛ mo ara de, morenyɛ me hwee. 13 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na ɔkyere nko na yɛrebɛkyere wo de wo akɔhyɛ wɔn nsa. Na okum de, yɛrenkum wo. Na wɔde ntampehama foforo abien kyeree no, na wɔde no foro fii ɔbotan no mu. 14 Ɔreyɛ adu Lehi no, Filistifo no bɔɔ no so ose. Na AWURADE honhom sii no so dennennen, na ntampehama a ɛwɔ ne basa ho no yeyɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka, na ne nhama no sansan fii ne nsa. 15 Na ohuu afurum abogye foforo bi, na ɔteɛɛ ne nsa fae de kunkum mmarima apem. 16 Na Samson kae sɛ: Mede afurum abogye ekuw ni, akuw abien ni mede afurum abogye makunkum mmarima apem. 17 Na owiee ɔkasa no, ɔtow abogye no kyenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi. 18 Na osukɔm dee no sɛ, na osu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode ogye kɛse yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei osukɔm rekum me, na mahwe momonotofo nsam. 19 Na Onyankopɔn paee tokuru a ɛwɔ Lehi no mu, na nsu fi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom san bae na onyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakore a ɛwɔ Lehi de besi nnɛ ara. 20 Na odii Israel anim Filistifo bere no so mfirihyia aduonu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana