Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 13 - KYERƐW KRONKRON


Samson awo

1 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.

2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Sora a ofi Danfo abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonin, na ɔnwo.

3 Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.

4 Enti afei hwɛ wo ho yiye, na nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew.

5 Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.

6 Ɛnna ɔbea no bae bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Onyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Onyankopɔn bɔfo anim, na mammisa no nea ofi, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima; na afei nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew; na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum de akosi ne wuda.

8 Na Manoa yii AWURADE mpae sɛ: O, AWURADE, ma Onyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a wɔrebɛwo no no.

9 Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Onyankopɔn bɔfo no baa ɔbea no nkyɛn bio, na ɔwɔ afum a ne kunu Manoa nka ne ho.

10 Na ɔbea no yɛɛ ntɛm tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no abeyi ne ho adi akyerɛ me.

11 Na Manoa sɔre dii ne yere no akyi na ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So wone ɔbarima a wo ne ɔbea no kasae no?

12 Na ose: Mene no. Na Manoa kae sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdɛn ne abofra no ahyɛde, na dɛn na ɔnyɛ?

13 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Nea misee ɔbea no nyinaa ho na ɔnhwɛ ne ho yiye:

14 Onnni ade biara a efi bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na ade biara a ɛho ntew nso, onnni; nea mahyɛ no nyinaa, onni so.

15 Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Ma yensianka wo na yensiesie apapowa bi mma wo ansa.

16 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wusianka me po a, merenni w’aduan no bi; na sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfo.

17 Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfo no sɛ: Wo din de dɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo anuonyam.

18 Na AWURADE bɔfo no see no sɛ: Ɛdɛn na wubisa me din a ɛyɛ nwonwa yi?

19 Na Manoa faa apapowa ne aduan, na ɔde bɔɔ ɔhyew afɔre ɔbotan no so maa AWURADE, nea ɔyɛ anwonwade no, na Manoa ne ne yere hwɛe.

20 Na ogyaframa no resɔre afi afɔremuka no so akɔ ɔsoro no, AWURADE bɔfo no foro faa afɔremuka no so gyaframa no mu kɔɔ ɔsoro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.

21 Na AWURADE bɔfo no ammeyi ne ho ankyerɛ Manoa ne ne yere bio. Ɛno na Manoa huu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfo.

22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Owu na yɛrebewuwu, sɛ yɛahu Nyankopɔn yi.

23 Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ okum yɛn a, anka wannye yɛn nsam hyew afɔre ne aduan afɔre, na anka wanyi eyinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte sɛɛ yi saa bere yi.

24 Na ɔbea no woo babarima, na ɔtoo no din Samson. Na abofra no nyinii, na AWURADE hyiraa no.

25 Na AWURADE honhom fii ase kekaa no wɔ ne mu, Dan nsra mu, Sora ne Estaol ntam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan