Asomafo 9 - KYERƐW KRONKRONSaulo adwensakra ( Asomafo 22.3-16 ; 26.9-18 ) 1 Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafo so no, kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn 2 kɔsrɛɛ ne nkyɛn nhoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ohu nnipa bi saa gyidi kwan no mu a, sɛ wɔyɛ mmarima oo, mmea oo, ɔde wɔn hama mu aba Yerusalem. 3 Na ɔnam nam, na ɔbɛn Damasko no, mpofirim ara, hann bi a efi soro bɛhyerɛn twaa ne ho hyiae. 4 Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? 5 Ɛnna ose: Ɛyɛ wo hena, Awurade? Na ose: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. 6 Sɔre kɔ kurow no mu, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ. 7 Na mmarima a wɔne no nam no atotɔ mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no de, nanso wɔanhu obiara. 8 Na Saulo sɔre fii fam, na n’ani tetewee no, wanhu hwee. Na wokurakura ne nsa de no kɔɔ Damasko. 9 Na nnansa na onhu ade, nso onnidi na ɔnnom. 10 Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehu mu sɛ: Anania! Na ose: Hwɛ, mini, Awurade! 11 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no: Turodoo no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ, ɔrebɔ mpae, 12 na wahu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato no so sɛ onhu ade. 13 Na Anania buae sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm nnipa bebree anom sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefo wɔ Yerusalem, 14 na ɛha yi nso wanya tumi afi asɔfo mpanyin no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa. 15 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim. 16 Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu. 17 Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma. 18 Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon fii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ohuu ade, na ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu. 19 Na odidii no, ne ho yɛɛ no den. Na odii asuafo a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra. Saulo ka asɛm wɔ Damasko 20 Na ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no. 21 Na wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na wose: Ɛnyɛ oyi ne nea ɔsɛee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na eyi nti ɔbaa ha sɛ ɔbɛfa wɔn hama mu akɔma asɔfo mpanyin no anaa? 22 Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no. 23 Na nna bebree akyi no, Yudafo no dwenee ne ho sɛ wobekum no. 24 Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛn kurow no apon ano awia ne anadwo sɛ wobekum no. 25 Na n’asuafo no faa no anadwo de no too kɛntɛn mu faa ɔfasu so twetwee no sii fam. Saulo kɔ Yerusalem, Kaesarea ne Tarso 26 Na oduu Yerusalem no, ɔpɛe sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho; nanso na wɔn nyinaa suro no, efisɛ wɔannye anni sɛ ɔyɛ osuani. 27 Na Barnaba faa no de no kɔɔ asomafo no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛnea ohuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛnea ɔde nnam kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko. 28 Na ɔne wɔn dii ahyemfiri wɔ Yerusalem, 29 na ɔde nnam kaa Awurade din ho asɛm. Na ɔkasa kyerɛɛ Helenfo no, na ɔne wɔn gyee nkyinnye; na wɔhwehwɛe sɛ wokum no. 30 Na anuanom no tee no, wɔde no sian kɔɔ Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso. 31 Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe. Petro sa Aenea yare 32 Na ɛbae sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa so no, ɔbaa ahotefo a wɔte Lida no nso nkyɛn. 33 Na obehuu onipa bi a ne din de Enea a wadi mfirihyia awotwe ne kɛtɛ so a ɔyare mmubui wɔ hɔ. 34 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara. 35 Na wɔn a wɔte Lida ne Saron nyinaa huu no, na wɔdan baa Awurade nkyɛn. Tabita wunyan 36 Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma. 37 Na ɛbae sɛ nna no mu no, ɔyaree, na owui; na woguaree no de no kɔtoo abansoro dan mu. 38 Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafo no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn. 39 Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe. 40 Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41 Na ɔteɛɛ ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefo ne akunafo no de no anikan kyerɛɛ wɔn. 42 Na wɔtee no Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii. 43 Na ɛbae sɛ ɔtenaa Yopa kyɛe kakra, Simon, nhomahyɛfo bi, nkyɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana