Asomafo 7 - KYERƐW KRONKRONWɔde Stefano begyina bagua no anim 1 Na ɔsɔfo panyin no bisae sɛ: Nsɛm yi te saa anaa? Na Stefano buae sɛ: 2 Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran, 3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ wo no so! 4 Ɛnna ofii Kaldeafo asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wu akyi no, ɔma ofii hɔ bɛtenaa asase yi a mote so nnɛ yi so. 5 Na wamma no agyapade wɔ mu, wamma no ɔnammɔn biako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefo a wodi n’akyi sɛ wɔmfa nyɛ wɔn de, nanso na onnya nnyaa ɔba. 6 Na nea Onyankopɔn kae ne sɛ: N’asefo bɛyɛ ahɔho ananafo asase so, na wɔde wɔn ayɛ nkoa, na wɔayɛ wɔn bɔne mfirihyia ahannan. 7 Na ɔman a wɔbɛsom wɔn sɛ nkoa no na Onyankopɔn kae wɔn ho sɛ: Mebu wɔn ntɛn, na ɛno akyi no, wɔafi hɔ abɛsom me wɔ ha. 8 Na ɔne no yɛɛ twetiatwa apam. Na ɔde saa woo Isak, na ne nnawɔtwe so no, otwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanyin dumien no. 9 Na agyanom mpanyin dumien no de nitan tɔn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi. 10 Na oyii no fii n’amanehunu nyinaa mu, na ɔmaa no adom ne nyansa Misraim hene Farao anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fi nyinaa so amrado. 11 Na ɔkɔm baa Misraim ne Kanaan asase nyinaa so, ɛne ahohia kɛse nso, na yɛn agyanom nnya aduan. 12 Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa yɛn agyanom kan. 13 Na nea ɛto so abien no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso huu Yosef abusuafo. 14 Na Yosef soma kohyiaa n’agya Yakob ne n’abusua nyinaa a wosi nnipa aduɔsɔn anum no bae. 15 Na Yakob kɔɔ Misraim, na ɔno ne yɛn agyanom wuwui, 16 na wɔde wɔn baa Sekem bɛtotoo ɔda a Abraham de sika tɔ fii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu. 17 Na bɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no bere redu no, ɔman no dɔe, na wɔyɛɛ bebree Misraim 18 kosii sɛ ɔhene foforo bi a onnim Yosef sɔree. 19 Ɔno na ɔde anitew hyɛɛ yɛn nkurɔfo so, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔma wɔtotow wɔn mma nkokoaa gui, na amma wɔannya nkwa. 20 Ɛbere no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Onyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no asram abiɛsa n’agya ofi. 21 Na wɔtow no kyenee no, Farao babea kɔfaa no, na ɔtetew no de no yɛɛ ne ba. 22 Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu. 23 Na odii mfirihyia aduanan no, ɛbaa ne komam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no. 24 Na ohuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ogyee ne ti, na ɔtɔɔ nea wɔrehyɛ no so no, so were kum Misraimni no. 25 Na osusuwii sɛ anuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebegye wɔn; nanso wɔanhu. 26 Na ade kyee no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kae sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moyɛ mo ho bɔne? 27 Na nea ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no sum no kae sɛ: Hena na ɔde wo sii yɛn so panyin ne temmufo? 28 Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no? 29 Na asɛm yi nti Mose guanee na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ. 30 Na mfirihyia aduanan dui no, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ no wɔ sare so Sinai bepɔw ho, wɔ wura bi gyaframa mu. 31 Na Mose hui no, anisoade no yɛɛ no nwonwa; na otwiw bɛnee sɛ ɔkɔhwɛ no, Awurade nne bae sɛ: 32 Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoe, na wansi ne bo ankɔhwɛ. 33 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Yi w’anan mpaboa; na nea wugyina ha yi yɛ asase kronkron. 34 Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisi, na masian sɛ mibegye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim! 35 Mose yi ara a wɔpaa no sɛ: Hena na ɔde wo sii ɔpanyin ne ɔtemmufo no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho kyerɛɛ no wɔ wura no mu no nsa so somaa no sɛ ɔpanyin ne ogyefo. 36 Ɔno ara na ɔde wɔn fii adi yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne Misraim asase so, ne Ɛpo Kɔkɔɔ mu ne sare so mfirihyia aduanan. 37 Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo. 38 Oyi ne nea ɔne ɔbɔfo no wɔ asafo no mu sare so hɔ a ɔbɔfo no ne no ne yɛn agyanom kasae Sinai bepɔw so, na ogyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no. 39 Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wotie no, na wosum no kyenee, na wɔdan wɔn koma kɔɔ Misraim, 40 na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn fi Misraim bae yi de, yennim nea ayɛ no. 41 Ɛnna wɔyɛɛ nantwi ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho. 42 Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛnea wɔakyerɛw adiyifo nhoma no mu sɛ: Israel fifo, so mode mmoa ne nnuan bɔɔ afɔre maa me mfirihyia aduanan sare so anaa? 43 Mmom mofaa Molok ntamadan ne onyame Romfa nsoromma, ahoni a moyɛe sɛ mobɛsom wɔn; na mɛsoa mo makɔ Babel akyi noho. 44 Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare so, sɛnea nea ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnea ade a ohui no te no. 45 Yɛn agyanom nsa kaa saa ntamadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pam wɔn fii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de besii Dawid bere so. 46 Ɔno na onyaa Onyankopɔn anim adom, na ɔsrɛe sɛ wɔmma onsi ofi mma Yakob Nyankopɔn. 47 Nanso Salomo na osii ofi no maa no. 48 Nanso nea ɔwɔ sorosoro no nte nea wɔde nsa ayeyɛ mu, sɛnea odiyifo no ka sɛ: 49 Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asase yɛ m’anan ntiaso; ɔdan bɛn na mubesi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea? 50 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa? 51 Mo a mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asi; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ. 52 Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no, 53 mo a munyaa mmara no sɛnea abɔfo hyɛe no, nanso moanni so. Wosiw Stefano abo 54 Na wɔtee eyinom no, wɔn ani beree, na wɔtwɛree wɔn se guu no so. 55 Nanso ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa, 56 na ɔkae sɛ: Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa. 57 Na wɔde nne kɛse teɛɛm, na wosisiw wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔtow hyɛɛ no so, 58 na wosunsum no fii kurow no mu kosiw no abo. Na adansefo no de wɔn ntama guguu aberante bi a wɔfrɛ no Saulo anan ase. 59 Na wɔresiw Stefano abo no, ɔfrɛe sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom! 60 Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana