Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 4 - KYERƐW KRONKRON


Petro ne Yohane kyere

1 Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfo ne asɔrefi safohene ne Sadukifo baa wɔn so.

2 Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufo mu sɔre wɔ Yesu din mu,

3 na wɔkyeree wɔn de wɔn kosiei sɛ ade nkye; efisɛ na onwini adwo.

4 Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye dii, na nnipa no dodow bɛyɛ sɛ mpemnum.

5 Na ɛbae sɛ ade kyee no, wɔn atitiriw ne mpanyimfo ne kyerɛwfo behyiae Yerusalem,

6 ɔsɔfo panyin Hana ne Kaiafa, Yohane, Aleksanda ne dodow a wofi ɔsɔfo panyin abusua mu no ka ho.

7 Na wɔde wɔn begyinaa mfinimfini bisae sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ eyi?

8 Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitiriw ne mpanyimfo!

9 Sɛ nnɛ wobisa yɛn ɔyarefo yi yiyeyɛ ho asɛm sɛ dɛn na ama no adi mu a,

10 mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi.

11 Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti.

12 Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.


Asomafo baanu no gyaa

13 Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.

14 Wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yare a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn.

15 Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ womfi guam hɔ mfi adi no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho

16 sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahu sɛnkyerɛnne a wɔnam wɔn so ayɛ; ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yentumi nsan.

17 Na nea ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛw ɔman no mu ne sɛ: Ateɛteɛ na yɛbɛteɛteɛ wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio.

18 Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa.

19 Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!

20 Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.

21 Na wɔteɛteɛɛ wɔn bio no, wogyaa wɔn, na ɔman no nti wonhu sɛnea wɔbɛtwe wɔn aso, efisɛ nea aba no nti wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.

22 Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa sɛnkyerɛnne yi wɔ ne ho no adi boro mfirihyia aduanan.


Asafo no mpaebɔ

23 Na wogyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ankasa fekuw mu, na wɔbɛkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

24 Na wɔtee no, wɔde koma koro maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,

25 wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’abofra no ano kae sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susuw ade hunu?

26 Asase so ahene sɔre gyina, na atitiriw hyia faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo no.

27 Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,

28 sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.

29 Na afei de, Awurade, hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm,

30 bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.

31 Na wowiee mpaebɔ no, faako a wohyiae hɔ wosowee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.


Asafo mu nuadɔ

32 Na wɔn mu bebree a wogye dii no koma ne wɔn kra yɛ biako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nneɛma a ɔwɔ yɛ n’ankasa dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafode.

33 Na asomafo no de tumi kɛse dii Awurade Yesu wusɔre ho adanse, na adom kɛse wɔ wɔn nyinaa so.

34 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa adan tontɔnee, na wɔde nea wɔtɔnee no ti ade bae

35 de beguu asomafo no anan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛnea ehia no.

36 Na Yosef a asomafo no too no Barnaba (a ne nkyerɛase ne afotu ba) a ɔyɛ Lewini, a ofi Kipro man mu no

37 wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no bae beguu asomafo no anan ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan