Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 27 - KYERƐW KRONKRON


Paulo si mu kɔ Roma

1 Na wosii gyinae sɛ yɛnkɔ Italia no, woyii Paulo ne apokyerɛfo bi maa asraafo ha so panyin bi a ne din de Yulio a ofi Augustan asraafo kuw mu.

2 Na yɛkɔɔ Adramitio hyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yetui, na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika ka yɛn ho.

3 Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.

4 Na yetu fii hɔnom no, yɛfaa Kipro ase ase, efisɛ mframa hyiaa yɛn.

5 Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po so no, yekogyinaa Likia kurow Mira ho.

6 Ɛhɔ na asraafo ha so panyin no huu Aleksandria suhyɛn bi a ɛrekɔ Italia no, ɔde yɛn koguu mu.

7 Na nnafua bebree na yɛnam brɛoo, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Krete ase ase twaa Salmone ho.

8 Na yɛnam ano ano resan no, yɛbrɛɛ mu ansa na yɛredu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn-agyinaye a Lasea kurow bɛn ho.

9 Na esiane sɛ na bere kɔ pii, na mmuadadi bere no atwam dedaw na, nsu ani fa ayɛ hu nti, Paulo tuu wɔn fo

10 see wɔn sɛ: Mmarima, mihu sɛ akwantu yi rekɔyɛ sɛ nea amane ne adesɛe bebree bɛba mu, ɛnyɛ aguade ne hyɛn yi fam nko, na yɛn nkwa nso wom bi.

11 Nanso asraafo ha so panyin no gyee hyɛn kwankyerɛfo ne hyɛn wura no dii kyɛn nea Paulo kae no.

12 Na esiane sɛ hyɛn gyinabea hɔ nna hɔ yiye sɛ wobedi awɔw bere hɔ nti, wɔn mu bebree kae sɛ wobetu afi hɔ nso akɔhwɛ sɛ wobetumi akodu Foenike a ɛyɛ Krete hyɛn gyinabea a ɛda kɔ atifi ne atɔe ntam, ɛne anafo ne atɔe ntam, na wɔakodi awɔw bere wɔ hɔ.


Ahum tu wɔ ɛpo no so

13 Na anafo mframa fii ase bɔe no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka nea wɔde sii wɔn anim no, na wotuu sɛkyɛ nam ano ano a wɔbɛn Krete.

14 Na ankyɛ, na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no Atifi-apuei-mframa faa Krete so bɛbɔe;

15 na ɛkyeree hyɛn no na entumi nhyia mframa no no, yɛma ɛtwee yɛn.

16 Na yɛde mmirika kɔfaa supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ase no, yɛbɔɔ mmɔden ansa na yesusoo ɔkorow no mu.

17 Na wɔmaa so no, wɔboa kyekyeree hyɛn no; na wosuroe sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wohuan hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.

18 Na mframa no bɔe dennen de yɛn kyinkyinii, na ade kyee no, wɔtotow hyɛn no mu nneɛma bi gui.

19 Na ne nnansa so no, wɔde wɔn ankasa nsa totow hyɛn no ho nneɛma no kyenee.

20 Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpuei, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagye ho anidaso nyinaa yerae.

21 Na nna bebree twaam a yɛannidi no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfinimfini kae sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka mutie me, na yɛamfi Krete ammehu amane ne adesɛe yi.

22 Na afei mitu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara kra renyera, gye hyɛn yi.

23 Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de na mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn

24 kae sɛ: Paulo, nsuro! Etwa sɛ wokogyinaa Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.

25 Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na migye Onyankopɔn midi sɛ ɛbɛyɛ sɛnea wɔaka akyerɛ me no;

26 nanso etwa sɛ yekogu supɔw bi so.

27 Na dadu nnanan dui na yɛredi akɔneaba Adria po so no, ɛbɛyɛ sɛ ɔdasum na hyɛn no mu adwumayɛfo no hui sɛ wɔrebɛn asase bi.

28 Na wɔtow susuhama, na wohui sɛ esi abasam aduonu; na wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, wɔtowee bio, na wohuu no abasam dunum.

29 Na wosuroe sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan bi so nti, wɔtow asɛkyɛ anan fi hyɛn no to twɛn adekyee.

30 Na esiane sɛ hyɛn mu adwumayɛfo no hwehwɛ aguan afi hyɛn no mu nti, wogyaa ɔkorow no mu too po mu yɛe sɛnea wɔrekɔtow sɛkyɛ afi hyɛn no ti nso no,

31 Paulo ka kyerɛɛ asraafo ha so panyin ne asraafo no sɛ: Sɛ eyinom antena hyɛn yi mu de a, morennya nkwa.

32 Ɛnna asraafo no twaa ɔkorow no ntampehama no, na wɔma ɛkɔe.

33 Na ade rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wonnidi, na ɔkae sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano ɛ.

34 Enti mesrɛ mo sɛ munnidi, na ɛno nso begye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi biako po rentɔ fam.

35 Na ɔkaa saa na ɔfaa abodoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na obubui fii ase dii.

36 Na wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, na wɔn nso faa bi dii.

37 (Na yɛn a yɛwɔ hyɛn no mu nyinaa si akra ahanu aduɔsɔn asia.)

38 Na wodidi mee no, wɔtow aduan no guu po mu maa hyɛn no yɛɛ hare.


Hyɛn no bɔ

39 Na ade kyee no, na wonnim asase no. Na wohuu dɔnnɔn bi a ɛho mpoano da hɔ; ɛno mu na wosusuwii sɛ wobetumi a, wɔbɛtwe hyɛn no akɔ.

40 Na wotwaa asɛkyɛ no ahama mu gyaa mu guu po mu, na wɔsan akyerɛkyerɛkwan no ahama, na wosii suhyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔe no pia kɔɔ mpoano.

41 Na wɔkɔhwee baabi a ɛpo abu kɔntɔn no, wɔde suhyɛn no kɔtaae, na eti kotimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛto de, asorɔkye a ɛbɔ dennen no bubuu no.

42 Na asraafo no tuu agyina sɛ wobekum nneduafo no, na obi anguare anguan.

43 Nanso asraafo ha so panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nti, wamma wɔanyɛ nea wosusuwii no, na ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare mfa wɔn ho ngu po mu kan nsi fam.

44 Na wɔn a aka no de, ebinom butubutuw ntaaboo so, na ebinom nso butubutuw suhyɛn nnua asinasin no bi so. Na sɛnea ɛyɛe na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan