Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 26 - KYERƐW KRONKRON


Paulo yi n’ano wɔ Agripa anim

1 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo teɛɛ ne nsa yii ano sɛ:

2 Mibu no sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho,

3 ne titiriw no, wunim amanne nyinaa ne akyinnyegyesɛm a ɛwɔ Yudafo mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.

4 M’asetena a efi me mmofraase no de, sɛnea efii ase na ɛte me manfo mu wɔ Yerusalem no, Yudafo nyinaa nim.

5 Na wonim me fi mfiase dedaw, nso sɛ wɔpɛ sɛ wodi ho adanse a, wonim me sɛ mefraa Fekuw a wodi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu mebɔɔ me bra sɛ Farisini.

6 Na afei migyina ha na wɔrebu me ntɛn Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no ho anidaso nti.

7 Ɛno ara na yɛn mmusuakuw dumien no de awia ne anadwo som a emu yɛ den ma wɔn ani da so sɛ wobenya; ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo toto m’ano yi.

8 Adɛn nti na mubu eyi asɛm a wonnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo?

9 Ɛwom sɛ ɛyɛɛ m’ankasa nso sɛ ɛsɛ me sɛ meyɛ nneɛma pii mitiaa Yesu Nasareni no din;

10 ɛno nso na meyɛe Yerusalem, na minyaa asɔfo mpanyin nkyɛn tumi no, mede ahotefo bebree miguu afiase. Na wokum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.

11 Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn ma wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so dodo nti, metaa wɔn koduu ananafo nkurow so.


Paulo adwensakra ho asɛm

12 Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfo mpanyin ama me tumi ne ɛho kwan.

13 Na owigyinae, ɔhene, ɔkwan so no, mihuu hann bi a ɛkyɛn owia haran sɛ efi soro betwaa me ne wɔn a wɔne me nam no ho hyiae.

14 Na yɛn nyinaa hwehwee ase no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafo poma ano dade anankoti.

15 Na mise: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na Awurade kae sɛ: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.

16 Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo.

17 Na megye wo mafi ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam,

18 na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.

19 Enti, ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro ade a woyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,

20 na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.

21 Eyi nti na Yudafo bɛkyeree me asɔrefi pɛe sɛ wokum me.

22 Na esiane sɛ Onyankopɔn di m’akyi nti na migyina hɔ de abedu nnɛ yi, na midi nnipa nketewa ne akɛse adanse, na menka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no:

23 Sɛ Kristo no behu amane, na wadi awufo sɔre mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufo.


Paulo tu Agripa fo sɛ ɔnnye nni

24 Na oyii n’ano saa no, Festo de nne kɛse kae sɛ: Paulo, woabɔ dam, nhomanim bebrebe abɔ wo dam.

25 Na ose: Memmɔɔ dam ɛ, Onuonyamfo Festo, na meka nokware ne anidahɔ nsɛm.

26 Na ɔhene a mede nnam meka asɛm mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na migye midi sɛ eyinom biara nhintaw no, efisɛ wɔanyɛ eyi kokoam.

27 Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye di.

28 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode bere kakraa bi ma medan okristoni anaa?

29 Na Paulo se: Anka mepɛ Onyankopɔn fam sɛ aka kakraa oo, aka bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wotie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

30 Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔree,

31 na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wosisee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu anaa ɔkyere.

32 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdan Kaesare a, anka wobetumi agyaa no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan