Asomafo 25 - KYERƐW KRONKRONPaulo de n'asɛm kɔdan Kaesare 1 Na afei Festo baa ne man a odi so amrado no mu, na nnansa akyi no, ofi Kaesarea kɔɔ Yerusalem. 2 Na asɔfo mpanyin ne Yudafo no bɛbɔɔ Paulo ho nkuro kyerɛɛ no, 3 na wɔpaa no kyɛw srɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛw no ɔkwan mu akum no. 4 Na Festo buae sɛ Paulo ntena Kaesarea, na ɛrenkyɛ na ɔno ankasa akɔ hɔ. 5 Na ɔkae sɛ: Enti momma mo mu atitiriw ne me nkɔ, na sɛ ɔbarima yi ho wɔ asɛm bi a, wɔne no nkɔbɔ nkuro. 6 Na odii wɔn nkyɛn bɛboro nnawɔtwe anaa dadu no, osian kɔɔ Kaesarea. Na ade kyee a ɔkɔtenaa asɛnni agua so no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa Paulo mmra. 7 Na ɔbae no, Yudafo a wofi Yerusalem bae no betwaa ne ho hyiae, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wontumi nkyerɛ ase. 8 Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafo mmara anaa asɔrefi anaa Kaesare ho bɔne bi ɛ. 9 Na Festo pɛe sɛ ɔsɔ Yudafo ani nti, obuaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nneɛma yi ho ntɛn m’anim wɔ hɔ? 10 Na Paulo kae sɛ: Kaesare asɛnni agua anim na migyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wobu me ntɛn, na Yudafo de, menyɛɛ wɔn bɔne bi ɛ, sɛnea wo nso wunim yiye. 11 Na sɛ midi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owu a, menhwehwɛ sɛ owu no bɛpare me; na sɛ nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi biara nnim a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wo nsa. Mede asɛm no medan Kaesare. 12 Ɛnna Festo ne baguafo no kasae no, obuae sɛ: Wode akɔdan Kaesare a, Kaesare nkyɛn na wobɛkɔ. Festo ka Paulo ho asɛm kyerɛ Herode Agripa 13 Na nna bi twaam no, ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bekyiaa Festo. 14 Na wɔkyɛɛ hɔ nti, Festo kaa Paulo ho asɛm no kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔbarima bi wɔ hɔ a Felike gyaw no mpokyerɛ mu; 15 na mekɔɔ Yerusalem no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo bɛbɔɔ ne ho nkuro kyerɛɛ me srɛɛ me sɛ mimmu no ntɛn. 16 Na mibuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafo amanne sɛ wobeyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfo no ne nea wɔne no wɔ nkuro no ahyia, na wanya ɔkwan ayi nea wɔde ato no so no ano ansa. 17 Enti wobehyiaa ha no, mantwe asɛm no manto hɔ, na ade kyee no, mekɔtenaa asɛnni agua so, na mehyɛe sɛ wɔmfa onipa no mmra. 18 Na ne nkurobɔfo no begyinaa ne ho no, wɔanka nsɛm a misusuwii no biara angu no so, 19 na mmom wɔn ankasa nyamesom ho akyinnye bi na wɔne no gyei, ɛne Yesu bi a wawu a Paulo ka sɛ ɔte ase. 20 Na esiane sɛ minhu sɛnea mɛhwehwɛ saa akyinnyegye yi mu nti, mibisaa no sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem na wɔakobu no nsɛm yi ho atɛn anaa? 21 Na Paulo srɛɛ sɛ wɔmfa no nsie ntwɛn Ɔhempɔn no ano asɛm. Eyi nti mehyɛe sɛ wɔmfa no nsie kosi sɛ mede no bɛkɔ Kaesare anim. 22 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Anka me nso mepɛ sɛ mitie onipa no. Na ose: Ɔkyena wubetie no. Paulo gyina Agripa anim 23 Enti ade kyee no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔw bae, na wɔne asafohene ne kurom hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ nea wotie asɛm no, na Festo hyɛe no, wɔde Paulo bae. 24 Na Festo kae sɛ: Ɔhene Agripa ne mmarima a mo ne yɛn wɔ ha yi nyinaa, moahu nea Yudafo nyinaa de n’asɛm aba m’anim Yerusalem ne ɛha yi, na wɔka sɛ ɛnsɛ no sɛ ɔtena ase bio no. 25 Mahu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu, nanso ɔno ankasa de asɛm no akɔdan Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ. 26 Nanso minni ne ho asɛm pa bi a mɛkyerɛw makɔma owura; enti na mede no maba mo anim, ne titiriw no, ɔhene Agripa, anim, na sɛ wonya hu asɛm no mu a, manya biribi makyerɛw. 27 Na ɛyɛ me sɛ nyansa biara nnim sɛ mema wɔde ɔdeduani no bɛkɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana