Asomafo 23 - KYERƐW KRONKRON1 Na Paulo gyen n’ani hwɛɛ baguafo no kae sɛ: Anuanom, me de, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi. 2 Na ɔsɔfo panyin Anania hyɛɛ wɔn a wogyina ne ho no sɛ wɔmmɔ n’ano so. 3 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɔ na Onyankopɔn bɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔayɛ ho fitaa; na wote hɔ rebu me ntɛn sɛnea mmara no te, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me? 4 Na wɔn a wogyina ho no kae sɛ: Onyankopɔn sɔfo panyin na woyaw no yi? 5 Ɛnna Paulo kae sɛ: Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Nkasa wo man panyin ho asɛmmɔne! 6 Na Paulo hui sɛ ɔfa yɛ Sadukifo, na ɔfa nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm gua mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifo ba; awufo sɔre ne ɛho anidaso nti na wɔrebu me ntɛn yi. 7 Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifo ne Sadukifo no ntam, na nnipakuw no mu paee. 8 Efisɛ Sadukifo ka sɛ awufo sɔre anaa abɔfo anaa ahonhom nni hɔ, na Farisifo de, wogye ne nyinaa di. 9 Na wɔteɛteɛɛm kɛse, na kyerɛwfo a wɔwɔ Farisifo fa mu no sɔre kasakasae sɛ: Yenhu bɔne bi onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfo akasa akyerɛ no ɛ? 10 Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroe sɛ ebia wɔbɛtetew Paulo nti, ɔhyɛɛ asraafo no sɛ wonsian mmehuam no wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu. 11 Na anadwo no, Awurade begyinaa ne nkyɛn kae sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi no, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma. Wɔpam Paulo tiri so 12 Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa. 13 Na wɔn a wɔbɔɔ mu pam ne tiri so no bɛboro aduanan; 14 na wɔbaa asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa. 15 Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no. 16 Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛw no, ɔkɔe kɔhyɛn aban no mu koyii Paulo asotiri. 17 Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanyin no mu biako kae sɛ: Fa aberante yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no. 18 Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kae sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberante yi memmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo. 19 Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me? 20 Na ose: Yudafo no adwene ho sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo aba gua mu sɛnea wɔrebebisa ne ho asɛm mu yiye. 21 Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan. 22 Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberante no kwan na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotiw! Wɔde Paulo kɔma Felike wɔ Kaesarea 23 Na ɔfrɛɛ asraafo ha so mpanyin no mu baanu bi kae sɛ: Munsiesie asraafo ahanu apɔnkɔfo aduɔsɔn, ne peawkurafo ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron bere mu mma Kaesare. 24 Na wonsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so mfa no dwoodwoo nkɔma amrado Felike. 25 Na ɔkyerɛw nhoma a emu asɛm se: 26 Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike. 27 Ɔbarima yi a Yudafo kɔfaa no sɛ anka wobekum no na me ne dɔm kɔe kogyee no no, mate sɛ ɔyɛ Romani. 28 Na mepɛe sɛ anka mihu dekode a wɔde reto no so no, mede no mekɔɔ wɔn gua mu; 29 na mihui sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkurobɔ, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owu anaa ɔkyere anto no so. 30 Nanso wɔayi me asotiw sɛ nnipa bi retɛw ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfo no nso sɛ wɔmmɛka nea wɔwɔ wɔ ne ho no w’anim. 31 Ɛnna asraafo no faa Paulo, sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no. 32 Na ade kyee no, wɔmaa apɔnkɔfo no ne no kɔe, na wɔsan baa aban no mu bio. 33 Na wɔn de, woduu Kaesarea na woyii nhoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kogyinaa n’anim. 34 Na amrado no kenkan nhoma no wiei na obisaa ɔman ko a ofi mu na ɔtee sɛ ofi Kilikia no, 35 ɔkae sɛ: Wo nkurobɔfo no ba a, na metie wo. Na ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana