Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 22 - KYERƐW KRONKRON


( Asomafo 9.1-29 ; 26.9-20 )

1 Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!

2 Na wɔtee sɛ ɔkasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ose:

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

4 Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owu mu. Mekyeree mmarima ne mmea, na miyii wɔn ma wɔde wɔn koguu afiase,

5 sɛnea ɔsɔfo panyin nso ne mpanyimfo nyinaa di me adanse. Wɔn nkyɛn nso na mikogyee nhoma sɛ mede mekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ mekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehama mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.

6 Na ɛbae sɛ menam ɔkwan no so na mebɛn Damasko no, ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, mpofirim hann kɛse bi fi soro hyerɛn betwaa me ho hyiae.

7 Na mehwee fam, na metee nne bi a ese me sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?

8 Na mibuae sɛ: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no.

9 Na wɔn a wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nea ɔne me kasa no nne.

10 Na mekae sɛ: Dɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo ade a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.

11 Na hann no anuonyam amma manhu ade nti, wɔn a wɔne me nam no susoo me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko.

12 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea mmara te a Yudafo a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa

13 baa me nkyɛn begyinaa hɔ ka kyerɛɛ me sɛ: Onua Saulo, hu ade! Na ɛdɔn no ara mu memaa m’ani so mihuu no.

14 Na ɔkae sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hu ne pɛ a ɔpɛ, na hu ɔtreneeni no, na te nankasa nne.

15 Na wobɛyɛ ne dansefo, na woadi nea woahu na woate ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa.

16 Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!

17 Na ɛbae sɛ mesan mebaa Yerusalem na merebɔ mpae asɔrefi no, m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu,

18 na mihuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na fi Yerusalem ntɛm, efisɛ wɔrennye w’adanse a wubedi me ho no.

19 Na mekae sɛ: Awurade, wɔn ara wonim sɛ wɔn a wogye wo di no, mede wɔn miguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu.

20 Na wɔrehwie wo dansefo Stefano mogya agu no, na me nso migyina ho, na mepene so, na mehwɛɛ wɔn a wokum no no ntade so.

21 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


Wɔkyere no

22 Na wotiee no beduu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi fi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase.

23 Na wɔreteɛteɛm na wɔretow wɔn ntama gu, tu mfutuma gu ahun mu no,

24 ɔsafohene no hyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu kae sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na onhu dekode a enti wɔbom gu no so yi.

25 Na wɔde nhama kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panyin a ogyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wommuu no fɔ mpire anaa?

26 Na ɔha so panyin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani.

27 Na ɔsafohene no bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na ose: Yiw.

28 Na ɔsafohene no buae sɛ: Me de, ɔmammayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔe. Na Paulo se: Me de, wɔde woo me.

29 Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebebisa no no fii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, osuroe sɛ wakyere no.


Paulo gyina asɛnnii

30 Na ade kyee no, ɔpɛe sɛ ohu dekode a enti Yudafo toto n’ano no mu nokware nti, ɔsan no fii ne nkyehama mu, na ɔhyɛe sɛ asɔfo mpanyin ne wɔn baguafo nyinaa mmra, na ɔma wɔde Paulo bae begyinaa wɔn anim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan