Asomafo 21 - KYERƐW KRONKRONPaulo kɔsra Yakob wɔ Yerusalem 1 Na ɛbae sɛ yɛne wɔn dii ntetewmu no, yesiim nam nsu ani tee baa Ko, na n’adekyee no, yeduu Rodo, na yefi hɔ baa Patara. 2 Na yehuu hyɛn bi a ɛrekɔ Foenike no, yɛkɔɔ mu, na yetui. 3 Na yɛn ani tua Kipro no, yegyaw too benkum kɔɔ Siria, na yekosii fam wɔ Tiro; efisɛ ɛhɔ na hyɛn no rekoyi n’adesoa agu. 4 Na yekohuu asuafo no no, yɛtenaa hɔ nnansɔn, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 5 Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaa yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, na yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae. 6 Na yɛkrakraa yɛn ho no, yɛkɔɔ hyɛn mu, na wɔsan kɔɔ fie. 7 Na yefi Tiro faa nsu ani beduu Ptolemai; na yekokyiaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro. 8 Na ade kyee no, yefi hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a ɔka baasɔn no ho fi kɔtenaa ne nkyɛn. 9 Na ɔwɔ mma, mmaabun baanan, a wɔhyɛ nkɔm. 10 Na yedii hɔ nna kakra no, odiyifo bi a ne din de Agabo fi Yudea bae; 11 na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyee ne nan ne ne nsa kae sɛ: Sɛnea Honhom Kronkron se ni: Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, Yudafo a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekye no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa. 12 Na yɛtee eyinom no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13 Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ. 14 Na ɔmpene yɛn no, yegyae kae sɛ: Nea Awurade pɛ nyɛ hɔ. 15 Na nna no akyi no, yɛboaboaa yɛn ho kɔɔ Yerusalem. 16 Na Kaesarea asuafo no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnasɔn, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dedaw, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ. Paulo kɔsra Yakob wɔ Yerusalem 17 Na yeduu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛw so. 18 Na ade kyee no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakob nkyɛn, na mpanyimfo no nyinaa baa hɔ bi. 19 Na okyiaa wɔn no, ɔkaa nea Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu mmiako mmiako kyerɛɛ wɔn. 20 Na wɔtee no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onua, wuhu Yudafo mpempem a wɔagye adi a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden. 21 Na wɔate wo ho asɛm sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wonnyaw Mose, na woka sɛ wonntwa wɔn mma twetia, na wonnni amanne no so. 22 Afei yɛnyɛ no dɛn? Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛte sɛ woaba. 23 Enti yɛ nea yɛreka akyerɛ wo yi: Yɛwɔ mmarima baanan bi a wɔadi nsew. 24 Fa wɔn na wo ne wɔn nkodwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wonyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhu sɛ wo ho nsɛm a wɔtee no biara nnim, na mmom wo ankasa nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so. 25 Na amanaman a wɔagye adi no ho de, yɛakyerɛw na yɛabu ntɛn sɛ wonyi wɔn ho mfi abosom afɔre ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ ho. 26 Ɛnna Paulo faa mmarima no, na n’adekyee a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi sɛ ɔkɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wobewie no, na wɔabɛbɔ afɔre ama wɔn nyinaa mmiako mmiako. Nkurɔfokuw kyere no 27 Na nnansɔn no reyɛ adu no, Yudafo a wofi Asia no huu no asɔrefi no, wɔhwanyan nnipa a ahyia hɔ no nyinaa ma wosusoo no mu teɛɛm sɛ: 28 Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafo nso aba asɔrefi de efi abɛka kronkronbea ha yi. 29 Nso wohuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ kan, enti wosusuwii sɛ Paulo de no akɔ asɔrefi hɔ. 30 Na kurow no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfo no de mmirika bɛboaa wɔn ho ano; na wosusoo Paulo mu twee no fii asɔrefi hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apon no mu. 31 Na wɔrehwehwɛ akum no no, asɛm no koduu asraafo apem so safohene no asom sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka. 32 Na ntɛm ara ɔfaa asraafo ne ɔha so panyin, na ɔde mmirika kɔtoaa wɔn. Na wohuu ɔsafohene ne asraafo no, wogyaee Paulo hwe. 33 Ɛnna ɔsafohene no kɔ kosoo no mu, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no, na obisaa no onipa ko a ɔyɛ ne nea wayɛ. 34 Na nkurɔfokuw no mu binom teɛɛm sɛɛ, na ebinom nso teɛɛm sɛɛ. Na sakasaka no nti ontumi nhu mu nokware no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu. 35 Na oduu ntrapoe no so no, na nkurɔfokuw no ani abere nti, asraafo no soaa no, 36 na ɔman no mu nnipakuw kɛse dii n’akyi teɛɛm sɛ: Yi no hɔ! Paulo yi ne ho ano 37 Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, obisaa ɔsafohene no sɛ: So mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ wo? Na ose: Wunim Hela kasa anaa? 38 So ɛnyɛ wone Misraimni a nnaano ɔyɛɛ sakasaka, na ɔde mmarima awudifo mpemnan kɔɔ sare so no? 39 Na Paulo kae sɛ: Meyɛ Yudani a mifi Tarso, Kilikia kurow a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no. 40 Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntrapoe no so de ne nsa nyamaa nkurɔfo no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa san ne nne mu kae sɛ: |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana