Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 20 - KYERƐW KRONKRON


Paulo wɔ Makedonia Hela

1 Na gyegyeegye no gyaee no, Paulo frɛɛ asuafo no baa ne nkyɛn, na otuu wɔn fo kraa wɔn fii hɔ sɛ ɔrekɔ Makedonia.

2 Na ɔkɔfaa hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.

3 Na odii hɔ asram abiɛsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, Yudafo retɛw no nti, ɔpatuw san bɛfaa Makedonia.

4 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafo Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafo Tikiko ne Trofimo ka ne ho.

5 Eyinom dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa.

6 Na yɛn nso, Apiti nna twaam no, yefii Filipi faa nsu ani, na yɛde nnannum beduu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yedii nnansɔn.


Paulo ne Troas asɔremma di nkra

7 Na nnawɔtwe mu da a edi kan no a yehyiae sɛ yɛrebubu abodoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ ade kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kosii ɔdasum.

8 Na akanea bebree wɔ abansoro no so faako a yɛahyiam hɔ.

9 Na aberante bi a ne din de Eutiko te mfɛnsere ano ada hatee, na esiane sɛ Paulo kasa kyɛe nti, ɔtɔɔ nko fii abansoro a ɛto so abiɛsa no so hwee ase, na wɔmaa no so no, na wawu.

10 Na Paulo sian kobutuw no so, na ɔyɛɛ no atuu kae sɛ: Monnhaw mo ho, na nkwa da so wɔ ne mu.

11 Na ɔforo bae, na obubuu abodoo na odii no, ɔtoaa so kasae ara kosii adekyee, na ofii hɔ kɔe.

12 Na wɔde abofra no bae anikan, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekye kɛse.


Paulo fi Troas kɔ Mileto

13 Na yedii kan kɔɔ hyɛn mu faa nsu ani kɔɔ Aso sɛ yɛkɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛnea ɔhyehyɛe ne no, efisɛ ɔkae sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ.

14 Na ɔne yɛn hyiae Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene.

15 Na yetu fii hɔ, na ade kyee no, yebeduu Kio ntentenso; na n’adekyee bio no, yebeduu Samo; na n’adekyee no, yeduu Mileto.

16 Na Paulo aka sɛ obetwa Efeso ho, na wankɔkyɛ Asia; efisɛ ɔpɛ ntɛm, na sɛ obetumi a, wɔakodu Yerusalem Pentekoste da.


Paulo ne Efeso mpanyimfo di nkra

17 Na ofi Mileto soma kɔɔ Efeso kohyiaa asafo no mu mpanyimfo.

18 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenae bere no nyinaa mu,

19 na mede ahobrɛase adwene nyinaa ne nusu pii ne sɔhwɛ a ɛbaa me so Yudafo pɔw bɔne a wɔbɔɔ me ho mu mesom Awurade.

20 Na mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu,

21 na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.

22 Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na minnim nea ɛbɛto me wɔ hɔ,

23 gye sɛ Honhom Kronkron di me adanse nkurow nyinaa mu ka sɛ ɔkyere ne amane twɛn me.

24 Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.

25 Na afei, hwɛ, minim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahenni no ho asɛm no nyinaa renhu m’anim bio.

26 Enti nnɛ midi mo adanse sɛ me ho afi mo nyinaa mogya ho;

27 efisɛ mansiw biribiara so, sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.

28 Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.

29 Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so.

30 Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.

31 Enti monwɛn, monkae sɛ mfirihyia abiɛsa ni, anadwo ne awia, minnyaee mo mu biara afotu wɔ nusu mu da.

32 Na afei de, mede mo mehyɛ Nyankopɔn nsa ne n'adom asɛm mu; ɔno na obetumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapade wɔn a wɔatew wɔn ho nyinaa mu.

33 M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade.

34 Mo ankasa munim sɛ, nea ehiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, nsa yi ano adwuma na mede minyae.

35 Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.

36 Na ɔkaa saa no, ɔkotow ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpae.

37 Na wɔn nyinaa sui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano.

38 Na nea ɛyɛɛ wɔn yaw bebree, ne asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu n’anim bio no. Na wokogyaa no hyɛn no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan