Asomafo 2 - KYERƐW KRONKRONPentekoste Da no 1 Na Pentekoste da no dui no, na wɔn nyinaa ahyia faako. 2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma. 3 Na tɛkrɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako. 4 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka. 5 Na Yudafo bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofo a wofi wiase aman nyinaa mu te Yerusalem. 6 Na wɔtee nea ɛrekɔ so no, nnipa pii behyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔka ne kurom kasa. 7 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ne nwonwa, na wokae sɛ: So wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafo anaa? 8 Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ankasa kasa a wɔwoo yɛn mu yi? 9 Partifo ne Medifo ne Elamfo ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia, 10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo, 11 Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse. 12 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wosisee wɔn ho sɛ: Eyi ase ne dɛn? 13 Na ebinom nso dii fɛw sɛ: Nsa foforo na abow wɔn. Petro asɛnka 14 Na Petro ne dubiako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, munhu eyi, na momma me nsɛm yi nkɔ mo asom! 15 Na eyinom mmow nsa, sɛnea mususuw yi, efisɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron. 16 Na eyi ne nea Odiyifo Yoel kae no 17 sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a edi akyiri no mu no mehwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mmerante ahuhu anisoade, na mo mpanyin asoso adae; 18 na me nkoa ne me mfanaa so na nna no mu mehwie me Honhom no bi magu, na wɔahyɛ nkɔm. 19 Na mɛma anwonwade aba ɔsoro, na nsɛnkyerɛnne aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne owusiw kumɔnn. 20 Owia bɛdan sum, na ɔsram adan mogya ansa na Awurade da kɛse a ɛhyerɛn no aba. 21 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa. 22 Israel mmarima, muntie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu, yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no, 23 ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no. 24 Ɔno na Onyankopɔn anyan no, na wasan owuyaw hama, efisɛ antumi anka no anhyɛ. 25 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mihu Awurade m’anim daa, efisɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim. 26 Eyi nti me koma tɔɔ me yam, na me tɛkrɛma ho san no; na me honam nso bɛda anidaso mu, 27 efisɛ worennyaw me kra Asamando, na woremma wo kronkronni no nhu porɔw. 28 Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me. 29 Anuanom, momma me kwan na menka agya panyin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne damoa wɔ yɛn nkyɛn ha de besi nnɛ. 30 Na sɛ ɔyɛ odiyifo, na onim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asen mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahengua so nti, 31 ohuu eyi siei, na ɔkaa Kristo sɔre ho asɛm sɛ: Wɔannyaw no Asamando, nanso ne honam anhu porɔw. 32 Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; na yɛn nyinaa yɛ ɛho adansefo. 33 Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu. 34 Na Dawid ankɔ ɔsoro; nanso ɔno ara kae sɛ: Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: Tena me nifa 35 kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiaso. 36 Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo. Akyidifo foforo mpensa 37 Na wɔtee no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafo a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn? 38 Na Petro see wɔn sɛ: Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fakyɛ, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no. 39 Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea. 40 Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu! 41 Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho. Asafo no daa asetena 42 Na wokura asomafo no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne abodoo bubu ne mpaebɔ mu ara. 43 Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafo no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne pii. 44 Na wɔn a wogye dii nyinaa hyiaa faako, na wɔn nneɛma nyinaa yɛ kwasafode, 45 na wɔtɔn wɔn ahonyade ne wɔn nneɛma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛnea ehia obiara. 46 Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan, 47 na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana