Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 18 - KYERƐW KRONKRON


Paulo wɔ Korinto

1 Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto.

2 Na ohuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe, ne ne yere Priskila, efisɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn.

3 Na sɛ ɔne no adwuma yɛ biako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; efisɛ wɔyɛ ntamadanyɛfo.

4 Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.

5 Na Silas ne Timoteo fi Makedonia bae no, Paulo de nnam kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no.

6 Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.

7 Ɛnna ofii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn.

8 Na hyiadan mu panyin Krispo ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii, na Korintofo mu bebree a wɔtee no nso gye dii na wɔbɔɔ wɔn asu.

9 Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano!

10 Efisɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfo pii kurow yi mu.

11 Na ɔtenaa hɔ afe ne asram asia kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu.

12 Na Galio di Akaia amrado no, Yudafo no de anokoro sɔre hyɛɛ Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnni agua anim

13 kae sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Nyankopɔn.

14 Na Paulo yɛe sɛ ɔrebebue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: Yudafo, sɛ ɛyɛ ade a ɛnteɛ anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ mitie mo;

15 na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi de a, ɛnne mo ara monhwɛ! Na me de, merenyɛ saa nsɛm yi temmufo.

16 Na ɔpam wɔn fii asɛnnii hɔ.

17 Na Helafo no nyinaa faa hyiadan mu panyin Sostene hwee no asɛnnii hɔ, nanso Galio ammu eyinom biara.


Paulo san kɔ Antiokia

18 Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛe kakra ara yiye no, ɔkraa anuanom no, na ofii hɔ faa nsu ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na oyii ne ti wɔ Kenkrea; efisɛ na wadi nsew.

19 Na wɔbaa Efeso, na ogyaw wɔn hɔ; na ɔno ankasa de, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo kɔyɛɛ nhwehwɛ mu dennennen.

20 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra no, wampene.

21 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsan maba mo nkyɛn bio. Na ofii Efeso sii nsu ani.

22 Na osii fam Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no, na ɔsan kɔɔ Antiokia.

23 Na ɔkyɛɛ hɔ kakra no, ofii hɔ kokyinii Galatia ne Frigia nkurow nyinaa mu hyɛɛ asuafo no nyinaa den.


Apolo kɔ Efeso ne Korinto

24 Na Yudani bi a ne din de Apolo a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano atew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu, baa Efeso.

25 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan so; na ɔyɛ hyew Honhom mu nti, ɔkasa na ɔkyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye, nso Yohane asubɔ nkutoo na onim.

26 Ofii ase de nnam kasae hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila tee no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.

27 Na ɔpɛe sɛ ɔbɛsen kɔ Akaia, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔkyerɛw kotuu asuafo no fo sɛ wonnye no. Na oduu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam ɔdom so agye adi no pii.

28 Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui wɔ baguam, nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan