Asomafo 16 - KYERƐW KRONKRONTimoteo ka wɔn ho wɔ Listra 1 Na Paulo koduu Derbe ne Listra. Na hwɛ, baabi a osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani bea bi a ogyidini ba, na n’agya yɛ Helani. 2 Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa. 3 Ɔno na Paulo pɛe sɛ ɔne no kɔ, na Yudafo a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani. 4 Na wɔretwam nkurow no so no, wɔde mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no hyɛe sɛ wonni so no maa wɔn. 5 Ɛnna asafo horow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa. Paulo anisoadehu wɔ Troa 6 Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia. 7 Na woduu Misia ntentenso no, wɔpɛe sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. 8 Enti wotwaa Misia ho baa Troa. 9 Na anadwo no, Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twam bra Makedonia bɛboa yɛn! 10 Na ohuu anisoade no ara pɛ na yɛpɛe sɛ yɛkɔ Makedonia, efisɛ ɛyɛɛ yɛn ampa sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn. 11 Ɛnna yesii hyɛn mu tu fii Troa de mmirikatene baa Samotrake. Na ade kyee no, yɛbaa Neapoli. 12 Na yefi hɔ kɔɔ Filipi a ɛne Makedonia fa hɔ tubrafo kurow titiriw mu. Na yedii kurow yi mu nna kakra. Lidia adwensakra 13 Na homeda dui no, yefii kurow no mu kɔɔ asu bi ho baabi a yesusuwii sɛ wɔbɔ mpae hɔ. Na yɛtenaa ase no, yɛkasa kyerɛɛ mmea a wɔabehyia hɔ no. 14 Na ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔfɛre Nyankopɔn tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no. 15 Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtena me fi; na ɔsrɛɛ yɛn ara na yɛne no kɔe. Afenaa bi ayaresa 16 Na ɛbae sɛ yɛrekɔ asɔre no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom behyiaa yɛn; nso ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom anya wɔn ho sɛ. 17 Ɔno na odii Paulo ne yɛn akyi teɛɛm sɛ: Nnipa yi ne Nyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagye kwan. 18 Na ɔyɛɛ eyi nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Fi adi fi ne mu! Na dɔn no ara mu ofii adi. 19 Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim. 20 Na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafo a wɔretane yɛn kurow yi ani, 21 na wɔkyerɛ amanne bi a yenni ho kwan sɛ yegye anaasɛ yɛyɛ, efisɛ yɛyɛ Romafo. 22 Na nkurɔfokuw no nso sɔre hyɛɛ wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntade hyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn koguu afiase hyɛɛ afiasehwɛfo no sɛ ɔmfa wɔn nsie yiye. 24 Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn koguu afiase a ɛwɔ mfinimfini no mu, na ɔde wɔn anan bobɔɔ dua mu. Ofiasehwɛfo no adwensakra 25 Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei. 26 Na mpofirim ara asasewosow kɛse maa afiase no nnyinaso wosowee, na amonom hɔ ara apon no nyinaa buebuei, na wɔn nyinaa ahama sansanee. 27 Na afiasehwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase apon no abuebue no, ɔtwee ne nkrante sɛ anka ɔrebekum ne ho, efisɛ osusuwii sɛ nneduafo no aguan. 28 Na Paulo de nne kɛse teɛɛm sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha. 29 Na obisaa ɔkanea de mmirika bae, na ɔde ahopopo bɛhwee Paulo ne Silas anim, 30 na ɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa? 31 Na wose: Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa. 32 Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fi nyinaa. 33 Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuru no so, na ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu amonom hɔ ara. 34 Na ɔde wɔn baa ne fi, tow wɔn pon, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adi nti, ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn. Wogyaa asomafo no 35 Na ade kyee no, asafohene no somaa asraafo bae sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ. 36 Na afiasehwɛfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wonnyaa mo mma monkɔ; enti afei mumfi adi nkɔ dwoodwoo. 37 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn ntɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafo wɔ abɔnten so, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wɔpam yɛn kodɛɛ anaa? Dabida, na ma wɔn ankasa mmeyi yɛn. 38 Na asraafo no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafo no, wosuroe. 39 Na wɔbae bɛmaa wɔn dibem, na woyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu. 40 Na wofii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Na wohuu anuanom no, wɔkyekyee wɔn werɛ, na wofii hɔ kɔe. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana