Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 15 - KYERƐW KRONKRON


Amanaman mu Kristofo ne Mose mmara

1 Na nnipa bi fi Yudea bae bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no te no a, muntumi nnya nkwa.

2 Na afei akasakasa ne akyinnyegye dennen baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛe sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafo ne mpanyimfo no nkyɛn Yerusalem.

3 Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foenike ne Samaria kaa amanaman mufo no adwensakra ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse.

4 Na woduu Yerusalem no, asafo no ne asomafo ne mpanyimfo no gyee wɔn, na wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn.

5 Na ebinom a wofi Farisifo fekuw mu a wɔagye adi sɔree, na wose: Ɛsɛ sɛ wotwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose mmara so.

6 Na asomafo ne mpanyimfo no behyiae sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi.


Asomafo no Yerusalem nhyiam

7 Na wogyee ho akyinnye pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara munim sɛ mfiase no ara na Onyankopɔn paw me yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wonnye nni.

8 Na Onyankopɔn a onim komam no dii wɔn adanse maa wɔn Honhom Kronkron sɛnea ɔmaa yɛn nso no;

9 wamma ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidi so tew wɔn komam.

10 Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔndua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafo no kɔn so?

11 Na Awurade Yesu dom so mmom na yegye di sɛ wɔnam begye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso.

12 Na nnipakuw no nyinaa yɛɛ komm, na wotiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ amanaman mu no.


Yakob afotu

13 Na wɔn ano sii no, Yakob buae sɛ: Anuanom, muntie me!

14 Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.

15 Eyi so na adiyifo no nsɛm si, sɛnea wɔakyerɛw sɛ:

16 Eyinom akyi no mɛsan mabesi Dawid ntamadan a ahwe ase no bio, na masi nea wɔadwiriw no bio, na mama so bio.

17 Na nnipa a aka no ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa ahwehwɛ Awurade akyi kwan

18 Awurade a ɔma wohuu eyinom nyinaa fi wiase asefi no na ɔka.

19 Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnhaw wɔn a wofi amanaman no mu adan aba Onyankopɔn nkyɛn no;

20 na wɔnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ: Wonyi wɔn ho mfi abosom akyidi ne aguamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui, ne mogya ho.

21 Na efi tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkurow nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.


Wɔde ɔmena nhoma kɔma amanaman mu asafo no

22 Enti ɛyɛɛ asomafo ne mpanyimfo ne asafo mu no sɛ eye sɛ wɔpaw wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitiriw,

23 na wɔkyerɛw nhoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafo ne anuanom mpanyimfo no kyia anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.

24 Esiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi fi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani ahaw mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,

25 yɛde nokoro hyiae no, ɛyɛɛ yɛn sɛ eye sɛ yɛpaw nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo,

26 nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn.

27 Enti yɛasoma Yuda ne Silas a wɔde ano nso bɛka nsɛm no ara.

28 Na ɛyɛɛ Honhom Kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne

29 sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a, eye. Yekyia mo.

30 Na afei wogyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiae no, woyii nhoma no mae.

31 Na wɔkanee no, awerɛkyekye no nti wɔn ani gyei.

32 Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifo no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.

33 Na wɔkyɛɛ hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a ɛsomaa wɔn no nkyɛn.

34 Nanso ɛyɛɛ Silas sɛ eye sɛ ɔntena hɔ ara.

35 Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.


Silas si Barnaba ananmu

36 Na nna bi twaam no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsan nkɔhwɛ anuanom no, nkurow a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛnea wɔte.

37 Na Barnaba kae sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho.

38 Nanso Paulo susuwii sɛ enye sɛ wɔbɛfa nea ɔtwee ne ho fii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.

39 Ɛnna akasakasa a emu yɛ den bae, na ɛma wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsu ani kɔɔ Kipro;

40 na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa no, osiim kɔe.

41 Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan