Asomafo 14 - KYERƐW KRONKRONWoguan kɔ Likaonia 1 Na ɛbae sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafo hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafo ne Helafo pii gye dii. 2 Na Yudafo asoɔdenfo no hwanyan amanaman mufo no ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne. 3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii ne dom asɛm no ho adanse, na ɔnam wɔn nsa so ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. 4 Nanso kurom hɔfo no mu paee, ɔfa wɔ Yudafo no afa, na ɔfa nso wɔ asomafo no afa. 5 Na abosonsomfo no ne Yudafo ne wɔn mpanyimfo no bɔɔ kirididi bae sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa na wɔasiw wɔn abo no, 6 wohui, na woguan kɔɔ Likaonia nkurow Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so; 7 na wɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no. Obubuafo bi ayaresa 8 Na ɔbarima bi wɔ Listra a ontumi nnyina n’anan so, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, na ɔnnantewee da. 9 Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu, 10 enti ɔde nne kɛse kae sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ohuruhuruwii, na ɔnantewee. 11 Na nkurɔfo akuwakuw no huu nea Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kae Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asiansian aba yɛn nkyɛn. 12 Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso, wɔfrɛɛ no Herme, efisɛ ɔno na ɔka asɛm. 13 Na Seus a n’asɔredan wɔ kurow no anim no sɔfo de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekye baa kurow no abobow ano pɛe sɛ ɔne nkurɔfo akuwakuw no de bɛbɔ afɔre. 14 Na asomafo Barnaba ne Paulo tee no, wosunsuanee wɔn ntama mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuw no mu teɛɛm sɛ: 15 Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 16 Ɔno na tete bere a atwam no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ankasa akwan so; 17 nanso wannyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam. 18 Na nea wɔkae no, sɛ wɔamfa anyɛ ampa a, anka nkurɔfo akuwakuw no annyae wɔn afɔre no bɔ. Wosiw Paulo abo 19 Na Yudafo bi fi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wobetuu nkurɔfo akuwakuw no fo bɔne, na wosiw Paulo abo no, wɔtwee no fii kurow no mu susuwii sɛ wawu. 20 Na asuafo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre kɔɔ kurow no mu. Na ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe. 21 Na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kurom hɔfo na wɔdan nnipa bebree asuafo no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikonium ne Antiokia 22 hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu. 23 Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa. Wɔtena Antiokia 24 Na wotwaam Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. 25 Na wɔkaa asɛm no wɔ Perga no, wobeduu Atalia. 26 Na wofi hɔ faa nsu ani baa Antiokia, nea wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa maa adwuma a wɔakowie no. 27 Na wɔbae na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabue gyidi pon ama amanaman no. 28 Na wɔne asuafo no tenaa hɔ kyɛe. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana