Asomafo 12 - KYERƐW KRONKRONWɔde Petro to afiase 1 Saa bere yi ara na ɔhene Herode teɛɛ ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayade. 2 Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo. 3 Na ohui sɛ ɛsɔɔ Yudafo ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna; 4 na ɔkyeree no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafo baanan a wɔwɛn bom saa ahorow anan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyi no, oyi no kɔkyerɛ ɔman no. 5 Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ de, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpae maa no. Ɔbɔfo bi yi Petro 6 Anadwo no ara a Herode rebeyi no akɔ no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agu no, na awɛmfo a wogyinagyina ɔpon ano no rewɛn afiase hɔ anibere so. 7 Na hwɛ, Awurade bɔfo begyinaa ne nkyɛn, na ɔdan no mu hɔ haranee; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyan no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa gui. 8 Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ w'abɔso na hyɛ wo mpaboa! Na ɔyɛɛ sa. Na osee no sɛ: Fura wo ntama na di m’akyi! 9 Na ofii adi dii n’akyi; na onnim sɛ nea ɔbɔfo no yɛe no yɛ ampa, efisɛ osusuwii sɛ ɔrehu n’ani so ade. 10 Na wotwaa awɛmfo a wodi kan ne wɔn a wɔto so abien ho no, woduu dade pon a ɛde kɔ kurow no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wofii adi twaam borɔn biako so, na ntɛm ara na ɔbɔfo no gyaw no hɔ. 11 Na Petro ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Afei na mahu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfo abeyi me afi Herode nsam ne nea Yudafo retwɛn nyinaa mu. Asafo no anigye 12 Na osusuw ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fi; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ho ano rebɔ mpae. 13 Na ɔrebɔ abobow ano pon akyi no, abaawa bi a ne din de Rode ba betiei. 14 Na ɔtee Petro nne no, anigye nti wammue ɔpon no, na otutuu mmirika kɔkae sɛ Petro gyina ɔpon no akyi. 15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kae sɛ ɛte sa. Na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ne bɔfo! 16 Na Petro da so bɔ pon no akyi ara; na wobuei no, wohuu no, na wɔn ho dwiriw wɔn. 17 Na ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wommua wɔn ano, na ɔkae sɛnea Awurade yii no fii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ose: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakob ne anuanom no. Na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo. 18 Na ade kyee no, ahoyeraw a ɛbaa asraafo no mu nyɛ adewa sɛ dɛn ara na ayɛ Petro. 19 Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, obisaa awɛmfo no nea ɛyɛe, na ɔhyɛe sɛ wonkokum wɔn. Na osian fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ. Herode wu a ɛyɛ hu 20 Afei Herode faa Tirofo ne Sidonfo ho abufuw; enti wɔyɛɛ nokoro baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ ɔmannwoe mma wɔn, efisɛ ɔhene no asase so na wonya nnuan. 21 Na da a wɔhyɛe dui no, Herode hyɛɛ n’ahentade, na ɔtenaa asenni agua so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn. 22 Na ɔman no bɔɔ ose sɛ: Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa nne. 23 Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfo bɛbɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔɔ mmoaa, na owui. Barnaba ne Saulo san ba Antiokia 24 Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛwee. 25 Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wofii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana