Asomafo 11 - KYERƐW KRONKRONPetro amanneɛbɔ kyerɛ Yerusalem asɔre no 1 Na asomafo ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no. 2 Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafo no ne no gyee akyinnye 3 sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafo mu, na wo ne wɔn akodidi yi? 4 Na Petro fii ase bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmiako mmiako sɛ: 5 Mewɔ Yopa kurow mu merebɔ mpae, na m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na anisoadehu mu no, mihuu biribi a ɛresian sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan, na wogyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn. 6 Na migyen m’ani mehwɛɛ mu no, mihuu asase so ntɔteboa ne anworanworammoa ne wɔn a wɔwea ne wim ntakraboa wɔ mu. 7 Na metee sɛ ɛnne bi se: Petro, sɔre kum di! 8 Na mise: Dabida, Awurade, efisɛ biribiara a wokyi anaasɛ ɛho ntew nkɔɔ m’anom da. 9 Na ɛnne no fi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade. 10 Eyi yɛɛ mprɛnsa, na wɔtwetwee ne nyinaa kɔɔ ɔsoro bio. 11 Na hwɛ, amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn fi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina ofi a mewɔ mu no ano. 12 Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na minnnye hwee ho akyinnye. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fi. 13 Na ɔkaa yɛn sɛnea ohuu ɔbɔfo sɛ ogyina ne fi hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro. 14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fi nyinaa nam so benya nkwagye akyerɛ wo. 15 Na mifii ase sɛ merekasa no, Honhom Kronkron beguu wɔn so sɛnea mfiase no, ebeguu yɛn so no ara. 16 Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no. 17 Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛde koro no ara sɛ yɛn nso a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no a, mene hena a metumi masiw Onyankopɔn kwan? 18 Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu. Amanaman mu asafo a edi kan 19 Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii koduu Foenike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko. 20 Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofo ne Kirenefo baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafo no. 21 Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdan baa Awurade nkyɛn. Barnaba kɔ Antiokia 22 Na wɔn ho asɛm yi duu asafo a ɛwɔ Yerusalem no asom, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkodu Antiokia. 23 Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho. 24 Na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidi ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfo bebree bɛkaa Awurade ho. 25 Na ofi hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo; 26 na ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirihyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bebree; na Antiokia na wodii kan too asuafo no din Kristofo. Wɔboa Yudea Kristofo ahiafo 27 Na nna no mu no, adiyifo bi fi Yerusalem baa Antiokia. 28 Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam Honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio bere so no. 29 Na asuafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi, na wɔde ahwɛ wɔn. 30 Wɔyɛɛ sa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana