Amos 8 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn asɛm ho nkɔmhyɛ 1 Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, nnuaba a abere wɔ kɛntɛn mu. 2 Na obisaa sɛ Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Nnuaba a abere kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awiei no adu ama me man Israel, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio. 3 Na asɔrefi nnwom bɛdan adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, afunu no bɛdɔɔso na wɔde kommyɛ bɛtotow wɔn agugu mmaa nyinaa. 4 Muntie eyi, mo a mugye ahiafo amene wɔn, na moresɛe asase no so amanehunufo, 5 na mubisa sɛ: Da bɛn na ɔsram foforo betwam na yɛatɔn awi, ne homeda, na yɛabue ɔsan ano, na yɛayɛ olonka ketewa, na yɛama n’abrammo aso, na yɛakyea nsenia de asisi? 6 Na yɛama dwetɛ de atɔ ɔbrɛfo, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn awi ase nea egugu no. 7 AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfi wɔn nneyɛe nyinaa da biara da! 8 So eyi nti asase renwosow na ɛsofo nyinaa renni nkɔmmɔ anaa? Na asase mu nyinaa bepuduw sɛ Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asu no. 9 Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, mɛma owia atɔ awiabere na mɛma sum aduru asase so awia ketee. 10 Na madannan mo nnapɔnna nkɔmmɔdi, ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitam akyekyere asen nyinaa, na tipae aba atiri nyinaa so; na mama ayɛ sɛ ɔba koro ho nkɔmmɔdi, na n’awiei ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwene. 11 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na AWURADE asɛm tie de. 12 Na wobekyini afi po ano akɔ po ano, na wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ afi atifi fam akosi apuei fam, sɛ wɔrehwehwɛ AWURADE asɛm akyi kwan, na wɔrenhu. 13 Ɛda no, osukɔm nti mmabaa a wɔn ho yɛ fɛ ne mmerante bɛtotɔ piti, 14 wɔn a wɔkeka Samaria asodi ntam, na wose: Sɛ wo, Dan, wo nyame te ase yi! Ne sɛ Beer-seba kwan te ase yi no, wɔn de, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana