Amos 6 - KYERƐW KRONKRONAdwenharefo ne ahantanfo no asotwe 1 Wonnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔw so, wɔn a wɔdɛnsow amanaman mu adikanfo mu, wɔn a Israel fi kɔ wɔn nkyɛn no. 2 Monsen nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse, na munsian nkɔ Filistifo Gat. So woye sen ahenni yi, anaasɛ wɔn hye mu trɛw sen mo hye? 3 O mo a mutu da bɔne hyɛ akyirikyiri, na mode nhyɛso agua twiw bɛn. 4 Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnae so, na wodi nguanten mma a wofi nguankuw mu, ne nantwi mma a wofi ɔyɛn dan mu; 5 wɔto ahuhudwom de yi sanku ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asanku sɛ Dawid; 6 wɔnom nsa nkora mu, na wɔde ngohuam sra wɔn ho, nanso Yosef sɛe de ɛnyɛ wɔn yaw. 7 Enti afei wɔn na wobedi atukɔfo kan atu akɔ, na saguaasefo gyegyeegye no agyae. 8 AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni: Me de, Yakob ahantan ayɛ me nwini, na metan n’aban afɛfɛ no, na meyi kurow no ne ne mayɛ mama. 9 Na sɛ wogyaw nnipa du ofi koro mu a, owu ara na wobewuwu. 10 Na obi busuani ne nea ɔhyew no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afi fie hɔ, na ɔbɛka akyerɛ nea ɔwɔ ofi mpiakyiri mu no sɛ: So obi da so ne wo wɔ hɔ? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano! Na wɔmmɔ AWURADE din so. 11 Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ ofi kɛse no pasapasa, ne ofi ketewa no nso dukuduku. 12 So apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwi fɛtɛw hɔ nti na modan atemmu bɔnwoma na modan trenee aba awɔnwene? 13 Mo a mo ani gye Lo-debar ho na moka sɛ: So ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde agye Karnaim afa? 14 Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre ahyɛ mo, Israel fi, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni, na wɔabɛhaw mo afi nea wɔfa kɔ Hamat akosi tataw so subon Araba no ano. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana