Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Amos 5 - KYERƐW KRONKRON


Adwotwa ne ahonu frɛ

1 Muntie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom, O Israel fi.

2 Ababaa Israel atɔ, ɔrensɔre bio, wɔahwe no ase n’asase so, nea ɔbɛma no so nni hɔ.

3 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Kurow a wɔde apem fi adi bɛka ɔha, na kurow a wɔde ɔha fi adi bɛka du ama Israel fi.

4 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fi ni: Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa.

5 Na monnhwehwɛ Betel akyi kwan, na monnkɔ Gilgal, na munntwam nnkɔ Beer-seba; na Gilgal begyina akɔ otukɔ mu, na Betel bɛdan ahuhuw.

6 Monhwehwɛ AWURADE akyi kwan na munnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fi, na wanhyew a obi a obedum nni hɔ mma Betel;

7 mo a modan atemmu awɔnwene na mode trenee hwehwe fam no!

8 Ɔno na ɔyɛ nsoromma ahorow a ebi ne: Aberewa-ne-ne-mma ne Nyankrɛnte, na ɔdan sum kabii adekyee, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsu hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.

9 Ɔma ɔsɛe ba otumfo so sɛ anyinam, na ɔsɛe nso ba aban a ɛyɛ den so.

10 Wɔtan nea ɔteɛ so, kurow pon mu, na wokyi nea ɔka nsɛm a ɛyɛ pɛ.

11 Enti sɛ mutiatia ɔbrɛfo so na mugye ne hɔ awi pae nti, mode abo a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛw bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.

12 Na minim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den; muhiahia ɔtreneeni ho na mugyigye mpata, na mokyea ahiafo asɛm kurow pon mu.

13 Ne saa nti ɔba nimdefo mua n’ano, ɛbere no mu, efisɛ ɛyɛ bere bɔne.

14 Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne, na moanya nkwa, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, ne mo atena, sɛnea moka no.

15 Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ.

16 Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no, se ni: Adwotwa wɔ mmɔnten nyinaa so, na wɔka mmorɔn nyinaa so sɛ: Buei, buei! Na wɔfrɛ okuafo ma obesu, ne wɔn a wonim osu ma wobetwa agyaadwo.

17 Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu, efisɛ mɛsan mafa wo mu, AWURADE na ose.

18 Wonnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no! AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn? Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.

19 Ɛte sɛnea obi guan fi gyata anim na osisi hyia no, na ɔba ofie na ɔde ne nsa tweri ɔfasu na ɔwɔ ka no.

20 So AWURADE da no yɛ sum? So ɛyɛ hann? Ɛyɛ kusuu, na ɛnhyerɛn!

21 Metan na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiam ho.

22 Na sɛ mobɔ mo hyew afɔre ma me na mode mo aduan ayɛyɛde brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoe afɔre nso, merenhwɛ.

23 Yi wo dwonto gyegyeegye fi me so, na merentie wo sankubɔ nso.

24 Na atemmu mpirew mmra sɛ nsu, na trenee mmra sɛ asu a ɛsen daa.

25 O Israel fi, so mode okum afɔre ne aduan ayɛyɛde brɛɛ me sare so mfirihyia aduanan?

26 Mmom mosoa mo hene Sikut ne mo ahoni Kiun no, mo nsoromma anyame a moyɛ fae no.

27 Enti metu mo akɔ Damasko akyi noho, AWURADE na ose, asafo Nyankopɔn ne ne din.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan