Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Amos 4 - KYERƐW KRONKRON


Ɔsɛe a ɛbɛba

1 Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.

2 AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ: Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgye bɛtwe moakɔ, ne mo akyirikafo nso, apofofo nnarewa ano.

3 Na ɔfasu tokuru mu na mobɛfa apue, obiara bɛfa n’anim tee afi adi, na wobesunsum mo akyene Harmon, AWURADE asɛm ni.

4 Monkɔ Betel nkɔto mmara, monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso, na momfa mo kum afɔre mmra daa anɔpa, ne mo ntotoso du du daa nnansa.

5 Na momfa mmɔkaw abodoo nhyew aseda afɔre, na mompae ayamye ayɛyɛde mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

6 Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkurow nyinaa mu, na mudii aduankɔm mo tenabea nyinaa mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.

7 Na me nso mekamee mo osutɔ asram abiɛsa a edi otwa anim no mu, na metɔɔ osu guu kurow biako so, na mantɔ bi angu kurow biako so; afuw biako nyaa osu, na afuw a ebi antɔ angu so no hyewee;

8 na nkurow abien anaa abiɛsa kyinkyin kɔɔ kurow biako so kɔnom nsu, nanso wɔammee; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.

9 Memaa ɔyow ne ɔpo baa mo so; mo nturo ne mo bobe nturo ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodow no ntuntummɛ wee; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.

10 Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim de baa mo mu, mede afoa mikunkum mo mmerante, na mefaa mo apɔnkɔ nnommum, na memaa mo nsra mu hua kankan hyɛn mo hwene mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.

11 Mibutuw mo mu binom, sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.

12 Enti sɛɛ na mɛyɛ wo, O Israel; esiane sɛ mɛyɛ wo sɛɛ nti, siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.

13 Na hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa nea ɛwɔ n’adwenem no, nea ɔyɛ adekyeehema ne kusuu na otiatia asase sorɔnsorɔmmea so no, Awurade, asafo Nyankopɔn ne ne din.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan