Amos 3 - KYERƐW KRONKRONAmos kasa tia Israel 1 Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ: 2 Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu, enti nso, mo na metua mo, mo amumɔyɛ nyinaa so ka. 3 So baanu bɔ mu nantew a wɔanyɛ nokoro kan? 4 So gyata bobom kwae mu a aboa bi nni n’anim anaa? So gyataforo ma ne nne so fi ne tu mu a ɔnkyere biribi? 5 So anomaa tɔ afirim ɛfam a hentia bi nni hɔ mma no? So afiri bi huan fi fam a enyii biribi anaa? 6 Anaasɛ wɔhyɛn torobɛnto kurow mu a ɔman mmɔ piriw? Anaasɛ bɔne bi ba kurow bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma ɛbae? 7 Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa. 8 Gyata abobom, hena na ɔrensuro? AWURADE Nyankopɔn akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm? Samaria sɛe 9 Momma ɛmfa Asdod aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ho ano, Samaria mmepɔw so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛso a ɛwɔ no mu no. 10 Efisɛ wonnim adetreneeyɛ, AWURADE asɛm ni, wɔn na wɔboa atirimmɔden ne dwowtwa ano, wɔn aban mu no. 11 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔhohiafo betwa asase no ho ahyia, na wayi w’ahoɔden afi wo ho ahwe fam, na wafow w’aban dennen no. 12 Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea oguanhwɛfo hwim nnyaawa abien anaa asokoraa fi gyata anom no, saa ara nso na wobehwim Israelfo a wɔtete Samaria, te sɛ nnae twea so sin bi anaa mpa so ntama sin bi. 13 Muntie, na munni Yakob fi adanse, AWURADE Nyankopɔn, asafo Nyankopɔn, asɛm ni: 14 Sɛ ɛda a mɛba mabɛtwe Israel mmarato so aso no, mɛtwe Betel afɔremuka nso aso, na wɔatwitwa afɔremuka no mmɛn, na agu fam. 15 Na mɛbobɔ awɔwbere fi ne ahohurubere fi, na asonse afi nso asɛe, na afi bebree nso ase agu koraa, Awura agu koraa, Awurade asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana