Amos 2 - KYERƐW KRONKRONMoab, Yuda ne Israel so atemmusɛm 1 Sɛ AWURADE se ni: Moab amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔhyew Edom hene nnompe sɛ akadoo nti. 2 Na mɛto Moab mu gya, na ahyew Keriot aban dennen no, na Moab bewu hooyɛ mu, osebɔ ne torobɛnto nnyigyei mu. 3 Na metwa emu temmufo no akyene, na makunkum ne mmapɔmma nyinaa aka ne ho, AWURADE na ose. 4 Sɛ AWURADE se ni: Yuda amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔapa AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro a wɔn agyanom dii akyiri no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti. 5 Na mɛto Yuda mu gya, na ahyew Yerusalem aban dennen no. 6 Sɛ AWURADE se ni: Israel amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani. 7 Wɔn kɔn dɔ abrɛfo atifi dɔte mpo, na wɔkyea amanehunufo kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa koro ho, sɛ wɔde rehura me din kronkron ho, 8 na wɔda awowa ntama so, afɔremuka nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonnom wɔn a wɔadi wɔn kasa nsa, wɔn anyame fi. 9 Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛse te sɛ nkyeneduru kɛse, na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase ntini no; 10 na me nso miyii mo fii Misraim asase so, na mede mo nantew sare so mfirihyia aduanan, sɛ mommɛfa Amorini asase nni. 11 Na memomaa mo mma binom so misisii adiyifo, ne mo mmerante binom meyeyɛɛ ahotuafo. So ɛnte sa, Israelfo? AWURADE asɛm ni. 12 Nanso momaa ahotuafo nsa nomee, na mohyɛɛ adiyifo sɛ: Monnhyɛ nkɔm! 13 Hwɛ, me ara memia mo akɔ fam, sɛnea teaseɛnam a awi afiafi ayɛ no ma mia no. 14 Na aguan bɛbɔ ɔhoɔharefo, na ɔhoɔdenfo nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa. 15 Na ɔtakurafo rennyina, na nea ne nan yɛ hare remfi mu, na ɔpɔnkɔsotefo rennye ne ho nkwa. 16 Na nnɔmmarima mu kokodurufo de adagyaw beguan ɛda no, AWURADE asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana