Adiyisɛm 7 - KYERƐW KRONKRONIsrael nnipa ɔpeha aduanan anan no 1 Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so. 2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no 3 sɛ: Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua kosi sɛ yɛde agyirae besisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma so. 4 Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu. 5 Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumien, Ruben abusuakuw mu, mpem dumien, Gad abusuakuw mu, mpem dumien, 6 Aser abusuakuw mu, mpem dumien, Naftali abusuakuw mu, mpem dumien, Manase abusuakuw mu, mpem dumien, 7 Simeon abusuakuw mu, mpem dumien, Lewi abusuakuw mu, mpem dumien, Isakar abusuakuw mu, mpem dumien, 8 Sebulon abusuakuw mu, mpem dumien, Yosef abusuakuw mu, mpem dumien, Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano, mpem dumien. Nnipakuw kɛse no 9 Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw, 10 na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea. 11 Na abɔfo no nyinaa atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw fam, ahengua no anim, na wɔkotow Nyankopɔn 12 to dwom sɛ: Amen, nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa! Amen. Nkwagye a ɛnam oguammaa no so ba 13 Na mpanyimfo no mu biako bisaa me sɛ: Eyinom a wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa yi yɛ henanom, na wofi he? 14 Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu. 15 Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so. 16 Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn. 17 Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana