Adiyisɛm 3 - KYERƐW KRONKRONSardi nhoma 1 Na Sardi asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu. 2 Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim. 3 Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so. 4 Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wonguu wɔn ntade ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnantew ntade fitaa mu, efisɛ wɔfata. 5 Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu, na mɛbɔ ne din m’agya ne n’abɔfo anim. 6 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no. Filadelfia nhoma 7 Na Filadelfia asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni ne ɔnokwafo no, nea okura Dawid safe, na ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ no, 8 minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, na woadi m’asɛm so, na woampa me din. 9 Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo. 10 Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu. 11 Mereba ntɛm; so nea wowɔ no mu, na obi annye w’abotiri. 12 Nea odi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi adi bio, na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din wɔ no so, ne me Nyankopɔn kurow a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforo no. 13 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Laodikea nhoma 14 Na Laodikea asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no, Onyankopɔn abɔde farebae no, se: 15 Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye. 16 Na afei de, sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew anaa nwini nti, mefe wo afi m’anom. 17 Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne ɔdagyani. 18 Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade. 19 Dodow a medɔ wɔn no, miyi wɔn ntɛn na metwe wɔn aso; enti bɔ mmɔden na sakra w’adwene! 20 Hwɛ, mabegyina ɔpon ano na mebom; sɛ obi betie me nne na wahiɛ ɔpon no a, mɛhyɛn mu maba ne nkyɛn, na me ne no abedidi, na ɔne me nso adidi. 21 Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no. 22 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana