Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 22 - KYERƐW KRONKRON


Nkwa asubɔnten no ne nkwa dua no

1 Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu,

2 ne kurow no abɔnten mfinimfini ne Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.

3 Na mmusu biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no na ebesi mu, na ne nkoa bɛsom no,

4 na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so.

5 Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wobedi ahene daa daa.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware, na Awurade, adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm.

7 Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne nea okura nhoma yi mu adiyisɛm mu.

8 Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow sɔre Nyankopɔn!

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nhoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛbere no abɛn.

11 Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara, na nea ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.

12 Hwɛ, mereba ntɛm, na mikura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛnea n’adwuma te.

13 Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyidifo, mfiase ne awiei no.

14 Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu.

15 Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguamammɔfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.

16 Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.

17 Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.

18 Mebɔ obiara a ɔte nhoma yi mu adiyi nsɛm no kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de biribi ka nneɛma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw horow a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no bɛka no ho.

19 Na sɛ obi yi adiyi nhoma yi mu nsɛm bi a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa afi nkwa dua ne kurow kronkron a wɔakyerɛw ho nsɛm nhoma yi mu no mu.

20 Nea odi nneɛma yi ho adanse no se: Yiw, mereba ntɛm. Amen. Awurade Yesu, bra!

21 Yɛn Awurade Yesu adom nka mo nyinaa.[ Amen.]

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan