Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 21 - KYERƐW KRONKRON


Ɔsoro foforo ne asase foforo

1 Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.

2 Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.

3 Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne nkurɔfo, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.

4 Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.

5 Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ nneɛma nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.

7 Nea odi nkunim no benya eyinom adi, na mɛyɛ ne Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba.

8 Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


Ɔsoro Yerusalem ne ayeforo

9 Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw mmusu ason a edi akyiri no ahyehyɛ mu mama no mu biako baa me nkyɛn ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforo, Oguammaa no yere no.

10 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔw kɛse tenten bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem no sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian.

11 Ekura Onyankopɔn anuonyam. Nea ɛmaa no hyerɛn no te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ.

12 Na ɛwɔ ɔfasu kɛse tenten, na ɛwɔ aponkɛse dumien, na abɔfo dumien tete apon no ano. Apon no so na wɔakyerɛw din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuw dumien no din.

13 Apon abiɛsa wɔ apuei, apon abiɛsa wɔ benkum, apon abiɛsa wɔ nifa, na apon abiɛsa wɔ atɔe.

14 Na kurow no fasu wɔ nnyinaso dumien a Oguammaa no asomafo dumien no din wowɔ so.

15 Na nea ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebesusuw kurow no ne n’apon ne ne fasu no.

16 Na kurow no yɛ ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛw yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuw kurow no nkwansimma mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛw ne ne korɔn yɛ pɛ.

17 Na osusuw ne fasu no basafa ɔha aduanan anan, a ɛyɛ onipa nsusuwii sɛnea ɔbɔfo de no te.

18 Na nea wɔde too ne fasu no ne ahwehwɛbo, na kurow no yɛ sika kronkron, te sɛ ahwehwɛ kronkron.

19 Na wɔde aboɔden abo nyinaa ahyehyɛ kurow no fasu no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo, nea ɛto so abien yɛ hoabo, nea ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo, nea ɛto so anan yɛ ahabammonobo,

20 nea ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo, nea ɛto so asia yɛ bogyanambo, nea ɛto so ason yɛ sikaberebo, nea ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron yɛ akraatebo, nea ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo, nea ɛto so dubiako yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien yɛ beredumbo.

21 Na apon dumien no yɛ nhene pa dumien. Apon no mu biara wɔde ahene pa biako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu tew.

22 Na manhu asɔredan bi wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, ne Oguammaa no ne n’asɔredan.

23 Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Oguammaa no.

24 Na amanaman no bɛnantew ne hann no mu; na asase so ahemfo de wɔn anuonyam bɛba mu.

25 Na wɔrentoto n’apon mu awia, na anadwo nni hɔ bio.

26 Na wɔde amanaman no anuonyam ne nidi bɛba mu.

27 Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan