Adiyisɛm 20 - KYERƐW KRONKRONMfe apem no 1 Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. 2 Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, 3 na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra. 4 Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem. 5 (Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa). Eyi ne owusɔre a edi kan ne no. 6 Nhyira ne kronkron ne nea onya kyɛfa ɔsɔre a edi kan no mu. Saa nkurofo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem. Satan ahofadi ne ne sɛe 7 Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase, 8 na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea. 9 Na wɔforo kogyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wotwaa ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn. 10 Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. Wɔbu awufo atɛn 11 Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn. 12 Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. 13 Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na Owu ne Asamando yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. 14 Na wɔtow owu ne Asamando kyenee ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no. 15 Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana