Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 19 - KYERƐW KRONKRON


Ɔsorofo di ahurusi

1 Eyinom akyi no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfo pii nne kɛse ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de;

2 efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguamammɔfo kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so were wɔ ne nsam.

3 Na wɔkae bio sɛ: Haleluia! Na ne wusiw foro soro daa daa.

4 Na mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no kotow sɔree Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no se: Amen, Haleluia!

5 Na ɛnne bi fii ahengua no mu se: Munyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a musuro no nyinaa, akɛse ne nketewa.

6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuw kɛse nne ne nsu bebree nne ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, adi hene.

7 Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho.

8 Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew maa no sɛ omfura. Na nwera pa no ne ahotefo trenee.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni.

10 Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Ogyefo no ho anisoadehu kɛse

11 Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.

12 Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti; na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.

13 Na ɔhyɛ atade bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Onyankopɔn Asɛm.

14 Na ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew.

15 Na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn. Na ɔno na otiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no so.

16 Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Wɔdi aboa no ne n’asraafo no so nkonim

17 Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase

18 mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.

19 Na mihuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako.

20 Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.

21 Na wɔde nea ɔte pɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn mee.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan