Adiyisɛm 17 - KYERƐW KRONKRONOguamanfo kɛse no ne aboa no 1 Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguamammɔfo kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu. 2 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no. 3 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so. 4 Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho, na okura sika kuruwa a akyide ne n’aguamammɔ fi ayɛ no ma. 5 Na wɔakyerɛw din bi ne moma so sɛ: Ahintasɛm. Babel kɛse no, asase so nguaman ne akyide. 6 Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no, na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse. 7 Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwonwa? Mɛka wo ɔbea no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du no ho ahintasɛm no. 8 Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara. 9 Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahemfo baasɔn. 10 Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi. 11 Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu. 12 Na mmɛn du a wuhui no ne ahemfo du a wonnyaa ahenni, nanso wɔne aboa no benya tumi sɛ ahemfo dɔnhwerew biako. 13 Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no. 14 Eyinom ne Oguammaa no bɛko, na Oguammaa no bedi wɔn so nkonim, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene, ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wodi no nokware no. 15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu a wuhui a oguamammɔfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow. 16 Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan oguamammɔfo no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no. 17 Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bewie du. 18 Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahemfo so hene no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana