Adiyisɛm 15 - KYERƐW KRONKRONAbɔfo a wɔkurakura ɔhaw mmusu a etwa to no 1 Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa ɔsoro: Abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason a etwa to no a ɛno na etwa Onyankopɔn abufuw no to. 2 Na mihuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a ogya fra mu. Na wɔn a wodii aboa no ne ne honi ne ne din akontaahyɛde ho nkunim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Onyankopɔn asanku. 3 Na wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Oguammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. 4 Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi. 5 Na eyinom akyi no mehwɛe, na wɔahiɛ adanse ntamadan no asɔredan no ɔsoro. 6 Na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason no fi asɔredan no mu fii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛharan, na wɔde sika abɔso abobɔ wɔn mu. 7 Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama. 8 Na owusiw a efi Nyankopɔn anuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ wowiee abɔfo baason no ɔhaw mmusu ason no ansa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana