Adiyisɛm 13 - KYERƐW KRONKRON1 Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho. 2 Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n'ahoɔden ne n’ahengua ne ne tumi kɛse maa no. 3 Na mihuu sɛ ne ti no mu biako te sɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne n'apirakuru no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi. 4 Na wɔkotow ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotow aboa no kae sɛ: Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako? 5 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien. 6 Na obuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntamadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm. 7 Na wɔmaa no kwan sɛ ontu ahotefo so sa na onni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi. 8 Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no. 9 Sɛ obi wɔ aso a, ontie. 10 Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrante kum a, etwa sɛ wɔde nkrante kum no. Ɛha na ahotefo boasetɔ ne gyidi no wɔ. 11 Na mihuu aboa foforo bi a ofii asase mu bae, na ɔwɔ mmɛn abien sɛ oguammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ. 12 Na ɔyɛ aboa a odi kan no ahoɔdenne nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete so kotow aboa a odi kan a wɔasa ne wupira no. 13 Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asase so, nnipa anim. 14 Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no. 15 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no po akasa, na wama wɔakum dodow a wɔnkotow aboa no honi no. 16 Na ɔma nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, adehye ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyirae, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so, 17 nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee nko. 18 Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Nea ɔwɔ ntease mmu aboa no akontaa ntoano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana