Adiyisɛm 12 - KYERƐW KRONKRONƆbea no ne Ɔtweaseɛ no 1 Na sɛnkyerɛnne kɛse bi yii ne ho adi ɔsoro: Ɔbea bi a ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti, 2 na wafa afuru, na ɔteɛm reko awo, na awo no aden no. 3 Na sɛnkyerɛnne foforo yii ne ho adi ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na ahemmotiri ason bobɔ ne ti. 4 Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na ɔtotow guu asase so. Na ɔtweaseɛ no begyinaa ɔbea a ɔrebɛwo no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no. 5 Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dade poma bedi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn. 6 Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia. Mikael di ɔtweaseɛ no so nkonim 7 Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. 8 Na odii wɔn so, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. 9 Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. 10 Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo. 11 Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu. 12 Eyi nti ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa. Ɔtweaseɛ no tu sa bio wɔ asase so 13 Na ɔtweaseɛ no hui sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a ɔwoo ɔbabanin no. 14 Na wɔmaa ɔbea no, ɔkɔre kɛse no ntaban abien sɛ ɔmfa ntu nkɔ sare so wɔ ne tenabea, nea wɔbɛhwɛ no ɛbere ne mmere ne bere fa afi ɔwɔ no anim. 15 Na ɔwɔ no puw n’anom nsu te sɛ asubɔnten guu ɔbea no akyi, sɛ anka ɛmfa no. 16 Nanso asase boaa ɔbea no, na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no puw fii n’anom no. 17 Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa. 18 Na okogyinaa mpoano anwea so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana