Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 11 - KYERƐW KRONKRON


Adansefo baanu no

1 Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kae sɛ: Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan ne afɔremuka ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.

2 Na adiwo a ɛwɔ asɔredan no ho no de, gyaw to hɔ, na nsusuw, efisɛ wɔde ama amanaman mufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.

3 Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

4 Eyinom ne ngodua abien ne akaneadua abien a egyinagyina asase wura anim no.

5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom bɛmene wɔn atamfo: Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, etwa sɛ wokum no saa ara.

6 Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.

7 Na sɛ wowie wɔn adansedi a, aboa a ofi ebun no mu no betu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn.

8 Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, kurow a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.

9 Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne ɔkasa horow ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɔda mu.

10 Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.

11 Na nnansa ne fa akyi no, nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa hɔ, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no.

12 Na wɔtee nne kɛse bi fi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn.

13 Na ɛdɔn no ara mu asase wosowee kɛse, na kurow no nkyɛm du mu biako hwee ase, na asasewosow no kum nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkae no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam.

14 Mmusu a ɛto so abien no atwam. Hwɛ, Mmusu a ɛto so abiɛsa reba ntɛm.

15 Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.

16 Na mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn nhengua so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔkotow Onyankopɔn

17 kaa sɛ: Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo a wowɔ hɔ dedaw, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woafi ase di hene.

18 Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ wubebu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.

19 Na wohiɛɛ Onyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wohuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosow ne asukɔtweaagu kɛse bae.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan