5 Mose 9 - KYERƐW KRONKRONIsraelfo ahantan ( Eksodɔs 32.1-35 ) 1 Israel, tie! Worebetwa Yordan nnɛ akɔ akotu amanaman a wɔsosoe na wɔn ho yɛ den sen wo, afa nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ soro, 2 ɔman kɛse a wɔwowaree, Anakfo mma a wunim wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hena na obegyina Anak mma anim no? 3 Na hu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyew; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wo no. 4 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn fi w’anim gu a, nka wo koma mu sɛ: Me trenee nti na AWURADE de me bae sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afi w’anim. 5 Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim. 6 Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di so, na ɔman a wɔn kɔn asen ne wo. 7 Kae, na mma wo werɛ mmfi, sɛnea wuyii AWURADE wo Nyankopɔn abufuw sare so no; efi da a wufii Misraim asase so de besii sɛ mobaa ha yi, motew AWURADE anim atua. 8 Na Horeb nso muyii AWURADE abufuw, na ɛmaa AWURADE bo fuw mo sɛ anka ɔbɛsɛe mo; 9 ɛbere a meforoo bepɔw no sɛ mikogye abopon, apam a AWURADE ne mo pamee no apon no, midii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom; 10 na AWURADE maa me abopon abien a wɔde Onyankopɔn nsatea kyerɛwee a nsɛm a AWURADE fii ogya mu wɔ bepɔw no so ne mo kae guabɔ da no nyinaa wɔ so. 11 Na adaduanan awia ne anadwo no wiee du no, AWURADE de abopon abien, apam apon no, maa me, 12 na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre sian fi ha ntɛm, na ɔman a wukoyii wɔn Misraim no di asɛmmɔne; wɔadan ntɛm afi ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ sika ohoni afa. 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; 14 gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempopa wɔn din mimfi ɔsoro ase, na mede wo mɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sen wɔn. 15 Ɛnna medan me ho mifii bepɔw no so misianee, na bepɔw no redɛw ogya, na apam apon abien no kurakura me nsam; 16 na mihui, na hwɛ, moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwi ba a wɔagu afa: Moaman ntɛm afi ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so. 17 Ɛnna mefaa apon abien no metow fii me nsam gui, na mebobɔe wɔ mo anim. 18 Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kan no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛe nyinaa, sɛ moyɛɛ nea enye AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuw no nti. 19 Na misuroo abufuw ne aboɔhyew a AWURADE anya mo ho na ɔde rebɛsɛe mo no. Na AWURADE tiee me saa bere no nso. 20 Na AWURADE faa Aaron abufuw kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no; na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa bere no. 21 Na mefaa mo bɔne a moyɛe a ɛne nantwi ba no, na mede ogya mehyewee, na misiw meyam no muhumuhu kosii sɛ efei sɛ mfutuma, na metow ne mfutuma no guu asu a efi bepɔw no so sen no mu. 22 Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso muyii AWURADE abufuw. 23 Na AWURADE somaa mo fi Kades-barnea kae sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motew AWURADE mo Nyankopɔn anom asɛm no atua, na moannye no anni, na moantie ne nne. 24 AWURADE anim atuatewfo ne mo fi da a mihuu mo. 25 Na mehwee AWURADE anim ase adaduanan ne anadwo aduanan; na mehwee ase, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo; 26 na mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE, nsɛe wo man ne w’agyapade a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no. 27 Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnan w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne, 28 na asase a wuyii yɛn fii so no sofo anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na ɔtan a ɔtan wɔn nti na ɔde wɔn fi kɔe sɛ okokunkum wɔn sare so. 29 Na wɔyɛ wo man ne w’agyapade a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a woateɛ ayi wɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana