Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 8 - KYERƐW KRONKRON


Asetena mu ahwɛyie

1 Mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa munni so na monyɛ, na moanya nkwa, na moadɔ, na moakɔ akɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no adi so.

2 Na kae ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ma wonantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni.

3 Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɔkɔm dee wo, na ɔde mana a wunnim na w’agyanom nso nnim yɛn wo, na wama woahu sɛ, ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na ade biara a efi AWURADE anom so na onipa nam tena ase.

4 Wo ntama ansuw wo ho, na wo nan anhonhon mfirihyia aduanan yi mu.

5 Na hu wo koma mu sɛ, sɛnea onipa teɛ ne ba so no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn teɛ wo so.

6 Enti di AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, sɛ wobɛnantew n’akwan so na woasuro no.

7 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔnten ne nsuaniwa ne atare a efifi abon ne mmepɔw mu sen,

8 asase a awi ne atoko ne bobe ne borɔdɔma ne ateaa wɔ so, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwo,

9 asase a worenni so aduan na, na biribiara renhia wo wɔ so, asase a n’abo yɛ dade, na wubetu kɔbere afi ne mmepɔw mu.

10 Na sɛ wudidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama wo no nti.

11 Hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE wo Nyankopɔn a worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so.

12 Na sɛ wudidi mee na wusisi adan pa tena mu,

13 na w’anantwi ne wo nguan dɔ, na wo dwetɛ ne wo sika dɔɔso ma wo, na ade a wowɔ nyinaa dɔɔso a,

14 wo koma amma ne ho so, na wo werɛ amfi AWURADE wo Nyankopɔn a oyii wo Misraim asase so fii nkoafi no;

15 ɔno na odii w’anim de wo faa sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔhyehye, ne nkekantwɛre wɔ so so, ne nkyerekyerewa a nsu nni hɔ so; oyii nsu fii ɔbohemmaa botan mu maa wo;

16 ɔde mana a w’agyanom nnim ma wudii sare so, sɛ ɔrebrɛ wo ase na wasɔ wo ahwɛ, na awiei no, wayɛ wo yiye,

17 na woanka wo koma mu sɛ: M’ahoɔden ne me nsa den na ama manya ahonyade yi,

18 na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no atim sɛ ɛte nnɛ yi.

19 Na sɛ wo werɛ fi AWURADE wo Nyankopɔn, na wukodi anyame foforo akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, midi mo adanse nnɛ, sɛ ɔsɛe na mobɛsɛe.

20 Sɛ amanaman a AWURADE sɛe wɔn fi mo anim no, saa ara na mobɛsɛe, efisɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan