Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 7 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE man no kronkronyɛ
( Eksodɔs 34.11-16 )

1 Sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpam amanaman pii fi w’anim, Hetifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo,

2 na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma wukum wɔn a, ɛnne sɛe wɔn pasaa, wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;

3 na wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware.

4 Efisɛ ɔbɛdan wo ba ani afi m’akyi, na wɔasom anyame foforo, na AWURADE bo afuw mo, na wasɛe wo ntɛm.

5 Na mmom sɛ monyɛ wɔn ni: Munnwiridwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na muntwitwa wɔn Asera nnua ngu, na momfa ogya nhyew wɔn ahoni.

6 Na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn; wo na AWURADE wo Nyankopɔn apaw wo sɛ bɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne de aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu.

7 Ɛnyɛ mo dodow a ɛsen aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wapaw mo, efisɛ mo na musua aman nyinaa mu;

8 na esiane sɛ AWURADE dɔ mo na odi ne ntam a ɔkaa mo agyanom no so nti na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii mo fii nkoafi fii Misraim hene Farao nsam.

9 Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so,

10 na otua wɔn a wɔtan no ka bɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma nea ɔtan no, obetua no ka abɔ n’anim.

11 Enti di mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ.

12 Na sɛ mutie atemmude yi na mudi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bedi apam ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so ama wo,

13 na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔ, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwi mma ne wo nguan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom sɛ ɔde bɛma wo no so.

14 Wobehyira wo asen aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbea renyɛ obonin wo mu ne w’afieboa mu.

15 Na AWURADE beyi ɔyare nyinaa afi wo so, na ɔremfa Misraim yare bɔne a wunim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtan wo nyinaa so.

16 Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma wo no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, efisɛ ɛno bɛyɛ afiri ama wo.

17 Sɛ wuse wo koma mu sɛ: Amanaman yi dɔɔso sen me, mɛyɛ dɛn na matumi matu wɔn a,

18 nsuro wɔn, na kae nea AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa,

19 sɔhwɛ akɛse a w’aniwa hui ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii wo no; saa nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wusuro wɔn no nyinaa.

20 Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma akɔ wɔn mu akosi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahintaw no bɛsɛe w’anim.

21 Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu ne no.

22 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpam amanaman yi afi w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na wuram mmoa annɔɔ wo so so.

23 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwiriw kɛse aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsɛe.

24 Na ɔde wɔn ahene bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afi ɔsoro ase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akosi sɛ wobɛsɛe wɔn.

25 Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhyew; mma w’ani mmmere ho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo afiri, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.

26 Na mfa akyide nkɔ wo fi, na woanyɛ abusude sɛ ɛno; ma ɛnyɛ wo tan na kyi, efisɛ ɛyɛ abusude.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan