Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 6 - KYERƐW KRONKRON


Mmara no botae ne osetie

1 Na eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde ne atemmude a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no so,

2 na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.

3 Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yiye, na woadɔɔso pii, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no, asase a nufusu ne ɛwo sen so no so.

4 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne AWURADE koro.

5 Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.

6 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so;

7 na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu;

8 na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma;

9 na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so.

10 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo du asase a ɔkaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wo no so, nkurow akɛse a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyee,

11 ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutu a ɛnyɛ wo na wututui, bobe nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛwee, na sɛ wudidi na womee a,

12 hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE a oyii wo Misraim asase so fii nkoa fi no:

13 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;

14 munnni anyame foforo a wofi amanaman a wogugu mo ho no anyame mu akyi;

15 na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufo, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuw annɛw anhyɛ wo, na wansɛe wo amfi asase ani.

16 Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛnea mosɔɔ no hwɛe Masa hɔ no;

17 munni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛde a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;

18 na yɛ nea ɛteɛ na eye AWURADE ani so, na asi wo yiye, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no,

19 na watu w’atamfo nyinaa afi w’anim, sɛnea AWURADE kae no.

20 Sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi a?

21 Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Yɛyɛɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn fii Misraim;

22 na AWURADE maa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fi nyinaa so wɔ yɛn anim;

23 na yɛn de, oyii yɛn fii hɔ sɛ ɔde yɛn reba, de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no abɛma yɛn.

24 Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛde yi nyinaa na yensuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ensi yɛn yiye nna nyinaa, na ɔmma yennya nkwa, sɛ ɛte nnɛ yi;

25 na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛnea ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn atreneefo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan