5 Mose 5 - KYERƐW KRONKRONMmara nsɛm du no ( Eksodɔs 20.1-17 ) 1 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, muntie ahyɛde ne atemmude a mereka magu mo asom nnɛ yi, na munsua, na munni so nyɛ. 2 AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so; 3 ɛnyɛ yɛn agyanom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete ase yi ara. 4 AWURADE fi ogya no mu ne mo dii nhwɛanim na ɔkasae, bepɔw no so. 5 Me de, na migyina AWURADE ne mo ntam saa bere no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, efisɛ musuroo ogya no anim na moamforo bepɔw no. Na ose: 6 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo fii Misraim asase so, nkoafi mu no. 7 Nnya anyame foforo nka me ho. 8 Nyɛ ohoni, ade a ɛwɔ wim ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ɛfam ne nea ɛwɔ nsu mu asase ase suban mfa: Nkotow wɔn na nsom wɔn. 9 Na me AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so, 10 na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe. 11 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din ahuhude mu, na AWURADE remma nea ɔbɔ ne din ahuhude mu ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ. 12 Di homeda na yɛ no kronkron, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no. 13 Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’ade nyinaa; 14 na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babea, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwi ne w’afurum ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu: Na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo. 15 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu yii wo fii hɔ; enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no. 16 Di w’agya ne wo na ni, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. 17 Nni awu. 18 Na nsɛe aware. 19 Na mmɔ korɔn. 20 Na nni wo yɔnko ho adanse huhuw. 21 Na mma wo kɔn nnnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fi, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwi ne n’afurum ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea. Mose gye mmara no fi Onyankopɔn nsam ( Eksodɔs 20.18-21 ) 22 Nsɛm yi na AWURADE fi ogya, omununkum ne esum kabii no mu de nne kɛse ka kyerɛɛ mo bagua no nyinaa, bepɔw no so, na wamfa bi anka ho; na ɔkyerɛwee wɔ abopon abien so de maa me. 23 Na motee nne no fii esum no mu na bepɔw no redɛw no, mutwiw baa me nkyɛn, mo mmusuakuw mu atitiriw nyinaa ne mo mpanyimfo 24 bɛkae sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahu n’anuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afi ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso onya nkwa. 25 Na afei, ɛdɛn nti na yenwu? Efisɛ ogya kɛse yi rebɛhyew yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yebewuwu. 26 Na ɔhonam nyinaa mu hena na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa afi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa? 27 Wo na twiw bɛn hɔ, na tie nea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn nea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ wo nyinaa, na yebetie na yɛayɛ. 28 Na morekasa akyerɛ me no, AWURADE tee mo nsɛm no, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mate ɔman yi nsɛm a wɔaka akyerɛ wo no, nea wɔaka nyinaa, wɔaka no yiye. 29 O, sɛ anka wobenya koma a ɛte sɛɛ na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yiye daa ɛ! 30 Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Monsan nkɔ mo ntamadan mu. 31 Na wo de, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so. 32 Enti monhwɛ na monyɛ sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommman nifa anaa benkum; 33 ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnantew na moanya nkwa, na asi mo yiye, na mo nna aware asase a morekonya no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana