5 Mose 4 - KYERƐW KRONKRONMose hyɛ ɔman no sɛ wɔnyɛ osetie 1 Na afei, Israel, tie ahyɛde ne atemmude a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no. 2 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso munnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so. 3 Mo aniwa ahu nea Baal-peor nti AWURADE yɛe, sɛ nnipa a wodii Baal-peor akyi nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn fii mo mu; 4 na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ. 5 Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so. 6 Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi! 7 Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, yɛn frɛ a yɛfrɛ no nyinaa mu yi? 8 Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ ahyɛde ne atemmude trenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa? 9 Wo ho yiye ara na hwɛ, na hwɛ wo kra yiye, na wo werɛ amfi nsɛm a w’ani ahu no, na wo nkwa nna nyinaa mu amfi wo komam, na ma wo mma ne wo mma mma nhu. 10 Ɛda a wugyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb so no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wontie me nsɛm a wonsua mfa nsuro me, nna a wɔde te ase, asase so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma: 11 Na mutwiw bɛnee begyinaa bepɔw no ase, na bepɔw no de gya redɛw kɔ ɔsoro tɔnn, ne esum, omununkum ne esum kabii. 12 Na AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; nsɛm no nne no, mo ara motee, na suban bi na moanhu anka nne no ho. 13 Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔkyerɛwee abopon abien so. 14 Na me nso AWURADE hyɛɛ me bere no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛde ne atemmude a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so. 15 Enti monhwɛ mo kra so yiye, efisɛ moanhu suban biara da no a AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo Horeb so no. 16 Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasen amfa, ade biara suban, ɔbarima anaa ɔbea nsɛso, 17 asase so aboa biara nsɛso, ntakraboa a otu wim nsɛso, 18 ade biara a ɛwea fam nsɛso, apataa biara a ɔwɔ nsu mu, asase ase nsɛso. 19 Na woamma w’ani so ankyerɛ ɔsoro anhwɛ owia ne ɔsram ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nneɛma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no. 20 Na mo de, AWURADE afa mo, na wayi mo afi dade fononoo mu, afi Misraim sɛ mommɛyɛ n’awunnyaman sɛ mote nnɛ da yi. 21 Na mo nti AWURADE nyaa me abufuw, na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan na merenkɔ asase pa a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so; 22 na me de, merebewu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mubetwa akɔfa asase pa no. 23 Monhwɛ mo ho yiye na mo werɛ amfi AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pamee no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abra wo nsɛso amfa. 24 Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew, Onyankopɔn ninkufo. 25 Sɛ wowo mma ne mma mma, na mokyɛ asase no so, na mudi asɛmmɔne yɛ ohoni, ade biara suban, na moyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn anim de huru ne bo a, 26 ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi mo adanse sɛ ɔyera na mobɛyera ntɛm so afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so; morentena so nkyɛ, na mmom ɔsɛe na mobɛsɛe pasaa. 27 Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu; 28 na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne abo a enhu ade na ɛnte asɛm na ennidi na ente ade hua no. 29 Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE wo Nyankopɔn, na sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa hwehwɛ n’akyi kwan a, wubehu no. 30 Sɛ ehia wo na nneɛma yi nyinaa to wo nna a edi akyiri no mu a, wobɛsan aba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn abetie ne nne; 31 na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo, ɔrempa wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi w’agyanom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no. 32 Na bisa nna a atwam a edi w’anim no, efi da a Onyankopɔn bɔɔ onipa asase so, na bisa fi ɔsoro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛse yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno? 33 Sɛ ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ efi ogya mu rekasa, sɛnea wotee no, na wɔanya nkwa? 34 Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa? 35 Wo de, wɔama woahu, na woahu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho. 36 Ofi soro ma wotee ne nne sɛ ɔreteɛ wo so, na asase so nso wama woahu ne gya kɛse no, na woate ne nsɛm afi gya mu. 37 Na esiane sɛ ɔdɔ w’agyanom nti, wapaw wɔn asefo a edi wɔn akyi, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛse ayi wo afi Misraim, 38 sɛ ɔrebetu aman a wɔso na wɔyɛ den sen wo afi w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyade, sɛ ɛte nnɛ da yi. 39 Enti hu nnɛ, na fa sie wo koma mu, sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, nyame so wɔ ɔsoro, ne asase so wɔ fam; obi nni hɔ bio. 40 Na di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, na woakye ade, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so daa nyinaa. Mose yi guankɔbea nkurow abiɛsa 41 Ɛno na Mose yiyii nkurow abiɛsa, Yordan agya nea owia pue, 42 sɛ obi kum ne yɔnko nsapa mu na ɔntan no dedaw no nguan nkɔ hɔ, na oguan kɔ nkurow yi biako mu a, wanya nkwa: 43 Oyii Beser wɔ sare so ne asasetaw so maa Rubenfo, ne Ramot wɔ Gilead maa Gadfo, ne Golan wɔ Basan maa Manasefo. 44 Na eyi ne mmara a Mose de too Israelfo anim. 45 Eyinom ne adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude a Israelfo fii Misraim bae no, Mose ka kyerɛɛ wɔn, 46 Yordan agya, obon no mu, Bet-peor ntentenso, Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfo fi Misraim bae no, wokum no no asase so. 47 Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifo ahene baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apuei fam no, asase, 48 efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so kosi Sion bepɔw a ɛne Hermon ho, 49 ne Araba tataw a ɛda Yordan agya apuei no nyinaa kodu Araba tataw so po no ano wɔ Pisga ase. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana