Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 34 - KYERƐW KRONKRON


Mose wu

1 Na Mose fii Moab tataw mu foro kɔɔ Nebo bepɔw so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentenso, na AWURADE ma ohuu asase no nyinaa: Gilead de kosii Dan,

2 ne Naftali nyinaa, ne Efraim ne Manase asase, ne Yuda asase nyinaa de kosii akyiri po no ho;

3 ne nifa fam asase ne tataw a ɛyɛ nkyeresia kurow Yeriko bon no de kosii Soar.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Eyi ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefo na mede bɛma wɔn no: Na mama wode w’aniwa ahu, na ɔkɔ de, worenkɔ hɔ.

5 Na AWURADE akoa Mose wui wɔ hɔ, Moab asase so, sɛnea AWURADE kae no.

6 Na osiee no obon mu Moab asase so, Bet-peor ntentenso; na obiara nnim ne damoa de besi nnɛ.

7 Na Mose wui no, na wadi mfirihyia ɔha aduonu. N’aniwa anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhuan.

8 Na Israelfo suu Mose, Moab tataw mu adaduasa, na wodii Mose su ne ne gyam nna no wiei.

9 Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, efisɛ Mose de ne nsa guu no so; na Israelfo tiee no, na wɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

10 Na odiyifo bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE huu no mmɔanim,

11 nsɛnkyerɛnne ne anwonwade nyinaa a AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa, Misraim asase so no fam,

12 ne nsa a ɛyɛ den nyinaa ne ahude akɛse nyinaa a Mose yɛe Israel nyinaa anim no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan