Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 33 - KYERƐW KRONKRON


Mose hyira Israel

1 Na eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo ansa na owui. Na ɔkae sɛ:

2 AWURADE fi Sinai bae, na opue fii Seir maa wɔn, ɔharan fii Paran bepɔw so; ofi akronkronfo pii mu na ɛbae, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.

3 Yiw, ɔdɔ ne man, n’akronkronfo nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn de, wɔboaboa wo nan ase, na wotie w’asɛm.

4 Mmara na Mose hyɛɛ yɛn, Yakob bagua agyapade;

5 na ɔyɛɛ Yesurun mu hene, ɛda a ɔman no atitiriw hyiae na Israel mmusuakuw nyinaa hyiaa faako no.


Mmusuakuw dumien no nhyira

6 Ruben nnya nkwa na onnwu, na ne mmarima nso nnyɛ ketewa.

7 Na Yuda nso de ni, ose: AWURADE, tie Yuda nne, na fa no kɔ ne man nkyɛn; ma wo nsa nko mma no, na yɛ no ɔboafo fi n’ahohiafo nsam.

8 Na Lewi ho de, ɔkae sɛ: Wo nokware ne wo hann wɔ wo hotefo no, nea wosɔɔ no hwɛe Masa hɔ na wo ne no hamee Meriba asu ho no;

9 nea ɔkae wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Minnim wɔn! Na ɔpaa ne nuanom, na ɔpoo n’ankasa ne mma no. Na wodi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam.

10 Wɔde w’atemmude bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhuam betua wo hwene ano, na wɔde afɔre amuamu begu w’afɔremuka so.

11 AWURADE, hyira n’ahonyade so, na ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani; bobɔ wɔn a wɔsɔre hyɛ no no dwonku, ne wɔn a wɔtan no, na wɔansɔre bio.

12 Benyamin ho nso, ɔkae sɛ: AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo; ɔkata no so daa nyinaa, na ɔbɛtena ne mmati so.

13 Na Yosef ho nso, ɔkae sɛ: AWURADE nhyira n’asase; ɔmma no ɔsoro nnepa, obosu ne ebun a ɛtrɛw ase no de,

14 ne owia mu nnɔbae nnepa, ne nea asram ma efifi mu nnepa,

15 ne tete mmepɔw atifi ne daapem nkoko nnepa,

16 ne asase ne ne mayɛ mu nnepa, ne nea ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ; wɔmma ɛmmra Yosef atifi, ne ne nuanom mu hotuafo no mpampam.

17 Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano. Efraim dodow ne no, na Manase mpem ne no.

18 Na Sebulon ho nso, ɔkae sɛ: Sebulon, ma w’ani nnye w’adifi mu, ne Isakar, wo ntamadan mu.

19 Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔw no so, ɛhɔ na wɔbɛbɔ trenee afɔre; na wobefew po mu mmoroso ne nwea mu ademude a ahintaw

20 Na Gad ho nso, ɔkae sɛ: Nhyira ne nea ɔtrɛw Gad mu; obutuw hɔ sɛ gyatabere, ɔtetew basa ne mpampam;

21 ɔno na ɔpaw nea eye no fae, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfo no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitiriw mu, ɔyɛ AWURADE treneede ne n’atemmude wɔ Israel.

22 Na Dan ho nso, ɔkae sɛ: Dan yɛ gyataforo, ohuruw fi Basan.

23 Na Naftali ho nso, ɔkae sɛ: Naftali a anisɔ amee no, na AWURADE nhyira ayɛ no ma, fa ɛpo ne ahohuru asase no di so

24 Na Aser ho nso, ɔkae sɛ: Wɔmfa mma nhyira Aser, ɔnyɛ nea ɔsɔ ani ne nuanom mu, na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.

25 Dade ne kɔbere nyɛ w’adaban, sɛ wo nna te no, saa na w’ahotɔ nyɛ.

26 Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam omununkum mu.

27 Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na ase na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpam ɔtamfo w’anim, na waka sɛ: Dwerɛw wɔn.

28 Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no, ne nko na ɔbɛtena, ɔbɛtena aburow ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosu.

29 Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye! Ɔyɛ wo boa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante. W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo, na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan