Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 32 - KYERƐW KRONKRON


Mose Dwom no

1 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anom nsɛm!

2 Me kyerɛ nsosɔ sɛ nsu, na me kasa ngu sɛ obosu, sɛ wura so mfetema ne nhaban so hasu.

3 Na AWURADE din na mɛbɔ: Momfa nidi mma yɛn Nyankopɔn.

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.

5 Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma, wɔyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea.

6 So AWURADE na mutua no ka sɛɛ yi? Ɔman nkwaseafo a wonni ti! So ɛnyɛ ɔno ne w’agya a onyaa wo? Ɔno na ɔyɛɛ wo na ɔde wo tim hɔ.

7 Kae tete nteredee nna, hwɛ awo ntoatoaso dodow no mfe; bisa w’agya, na ɔnkyerɛ wo, wo mpanyimfo, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahye totoo hɔ sɛ Israelfo ano si.

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapade a wɔasusuw ama no.

10 Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu; otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.

11 Sɛ ɔkɔre hwanyan ne buw na otu bɔ ne mma so mfamfia no, ɔtrɛw ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so.

12 AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan, na ɔnananyame bi anka ne ho.

13 Ɔma ɔfaa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na odii asase so nnɔbae; na ɔma ofew ɛwo fii ɔbotan mu, ne ngo fii abohemmaa mu,

14 anantwi nufusu ani srade, ne nguan nufusu, ne nguammuruwa srade, ne Basan adwennini ne mpapo de, ne awi asaabo mu srade, na wonom bobe aba mu mogya gyenennyenen.

15 Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.

16 Wɔde ananafo anyame ma ɔtwee ninkunu, wɔde akyide huruu ne bo.

17 Wɔbɔɔ afɔre maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wonnim wɔn, afoforo a ɛbae akyiri yi na wɔn agyanom amfɛre wɔn.

18 Ɔbotan a ɔwoo wo no, woannwen no so, na wo werɛ afi Onyankopɔn a ɔkyem woo wo no.

19 Na ne mmabanin ne ne mmabea ho ahi nti AWURADE hui no, ɔpoo wɔn,

20 na ɔkae sɛ: Meyi m’ani mahintaw wɔn, mɛhwɛ nea wɔn akyiri bewie, na awo ntoatoaso kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokware nni wɔn mu.

21 Wɔn de, wɔde nea ɛnyɛ Onyankopɔn ma metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuw yi me ahi: Na me nso mede nea ɛnyɛ ɔman mɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwasea bi na ɛbeyi wɔn ahi.

22 Na ogya asɔ m’abufuw mu, na ɛredɛw akodu asaman ase, na ɛrehyew asase ne ne nnɔbae, ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu.

23 Mɛboaboa mmusu ano agu wɔn so, mɛhwere m’agyan masɛe wɔn.

24 Ɔkɔm bɛfɔn wɔn, na ahoɔhyew ne ɔyare yawyaw bɛmene wɔn; na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu, ne mfutuma mu awɔ bɔre.

25 Nkrante bɛfa wɔn mma abɔnten so, na ehu akum wɔn mpia mu, aberante ne ababaa, akokoaa ne nea wafuw dwen nyinaa.

26 Anka mise: Mehuw wɔn agu, mɛma wɔn nkae to atwa afi nnipa mu,

27 sɛ ɛnyɛ ɔtamfo ahiiyi na misuro a, na wɔn ahohiafo annan me nsusuwii ani, na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ eyi nyinaa.

28 Na wɔyɛ ɔman a nyansa abɔ wɔn, na nhumu bi nni wɔn mu.

29 Sɛ wɔyɛ anyansafo a, anka wɔbɛte eyi ase, na wɔahu wɔn awiekyiri.

30 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na obiakofo bɛtaa apem, na baanu ama ɔpedu aguan?

31 Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan, na yɛn atamfo po bu atɛn sa.

32 Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fi, ɛne Gomora mfuwa mu; wɔn aba yɛ bɔre aba, wɔsow akasiaw a ɛyɛ nwene;

33 wɔn nsa yɛ atweaseɛ bɔre ne nhurutoa bɔre a ano yɛ den.

34 So wɔnkoraa eyinom wɔ me nkyɛn, na wɔnsɔɔ ano m’adekorabea?

35 Me na aweredi ne akatua wɔ me, ɛbere a wɔn nan bɛwatiriw no. Na wɔn dwerɛw da abɛn, na nea wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.

36 Na AWURADE bebu ne man atɛn, na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ, bere a obehu sɛ wɔagurow koraa, na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio.

37 Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ, ɔbotan a wɔde wɔn ho too so no?

38 Wɔn a wodii wɔn afɔre srade, na wɔnom wɔn ahwiesa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo, ma wɔnyɛ mo so nkataso.

39 Afei munhu sɛ me ara mene no, na onyame bi nka me ho. Me na mikum, na mema nkwa, mipira, na me na mesa, na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ.

40 Na mema me nsa so mekɔ ɔsoro, na mise: Sɛ mete ase daa yi!

41 Sɛ mesew me nkrante nnyinamnyinam no na me nsa so atemmu mu a, medi wɔn a wɔne me di asi were, na matua m’atamfo ka.

42 Mɛma m’agyan abow mogya, na me nkrante adi nam: Atɔfo ne nnommum mogya, ɔtamfo ti a apɛsɛw no.

43 Amanaman, mo ne ne man mmɔ ose, efisɛ obedi ne nkoa mogya so were, na ɔde aweredi betua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.

44 Na Mose bae bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no asom, ɔno ne Nun ba Yosua.

45 Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no,

46 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo koma nto nsɛm a meredi mo ho adanse nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.

47 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akodi so no so.


Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔw so

48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ:

49 Kɔforo Abarim bepɔw yi, Nebo bepɔw a ɛwɔ Moab asase so, Yeriko ntentenso no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfo sɛ wɔmfa no.

50 Na wu wɔ bepɔw a woreforo akɔ so no so, na wɔmmoaboa wo nkɔ wo nkurɔfo nkyɛn, sɛnea wo nua Aaron wui Hor bepɔw so na wɔboaboaa no kɔɔ ne nkurɔfo nkyɛn no,

51 efisɛ mofom me Israelfo mu, ɔham nsu a ɛwɔ Kades, Sin sare so no ho, esiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfo mu.

52 Na wubehu asase no w’anim, na ɔkɔ de, worenkɔ asase a mede merema Israelfo no so hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan