Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 31 - KYERƐW KRONKRON


Yosua si Mose ananmu

1 Na Mose kɔe kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mfirihyia ɔha aduonu ba ne me nnɛ, mintumi mimfi adi na mintumi memma mu bio; nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.

3 AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afi w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛnea AWURADE aka no.

4 Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛnea ɔyɛɛ Amorifo ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase.

5 Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛnea mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa te.

6 Monyɛ den na monyɛ nnam, munnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo.

7 Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.

8 Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na obedi w’akyi, ɔrempa wo na ɔrennyaw wo; nsuro na mma wo bo nntu.

9 Na Mose kyerɛw mmara yi, na ɔde maa asɔfo no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanyimfo nyinaa.

10 Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirihyia ason awiei, adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu

11 a Israel nyinaa aba rebepue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn asom.

12 Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra ne wo hɔho a ɔwɔ wo nkurow mu mmɔ gua na wontie, na wonsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so:

13 Na wɔn mma a wonnim no ntie, na wonsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ hɔ akodi so no so no nyinaa.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebewu abɛn; frɛ Yosua bra, na mummegyina ahyiae ntamadan no mu, na menhyɛ no mmara. Na Mose ne Yosua bae begyinaa ahyiae ntamadan no mu.

15 Na AWURADE de omununkum dum beyii ne ho adi ntamadan no mu, na omununkum dum no begyinaa ntamadan no ano.

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.

17 Na me bo befuw wɔn da no, na magyaw wɔn, na mayi m’ani mahintaw wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn ama wɔaka da no sɛ: So ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?

18 Na me de, bɔne a wɔayɛ no nyinaa, sɛ wɔaman akɔ anyame foforo nkyɛn nti, da no, ohintaw na mede m’ani mehintaw.

19 Na afei monkyerɛw dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfo; fa hyɛ wɔn anom, na dwom yi nni me adanse, Israelfo mu.

20 Na mede wɔn medu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom a ɛsen nufusu ne ɛwo no so, na wobedidi amee na wɔayɛ akɛse, na wɔaman akɔ anyame foforo nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.

21 Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.

22 Na Mose kyerɛw dwom yi da no ara, na ɔkyerɛɛ Israelfo no.

23 Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no so: Na me na medi w’akyi.


Mose de mmara no hyɛ Lewifo nsa

24 Na Mose kyerɛw mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nhoma mu wiei koraa no,

25 Mose hyɛɛ Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ:

26 Momfa mmara nhoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanse.

27 Na me de, minim w’atuatew ne wo kɔn a asen; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi po moyɛ AWURADE anim atuatewfo, na me wu akyi ɛ!

28 Momma mo mmusuakuw mu mpanyimfo nyinaa ne mo ahwɛfo mmɛbɔ me nkyɛn gua, na menka nsɛm yi nyinaa mingu wɔn asom, na memfrɛ ɔsoro ne asase minni wɔn adanse.

29 Na minim sɛ me wu akyi no, ɔsɛe na mobɛsɛe, na moaman afi ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, efisɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuw.

30 Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel bagua nyinaa asom de kosii sɛ owiei.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan