Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 30 - KYERƐW KRONKRON

1 Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apam wo akɔ hɔ no nyinaa mu,

2 na wosan ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛnea merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a,

3 ɛnne AWURADE wo Nyankopɔn bɛdan wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasan aboa w’ano afi aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

4 Sɛ wo nnipa a wapam wɔn no wɔ ɔsoro ano po a, efi hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa w’ano, na efi hɔ na ɔbɛfa wo.

5 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a w’agyanom dii so no so, na woadi so, na wayɛ wo yiye, na wama woadɔ akyɛn w’agyanom.

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn betwa wo koma ne w’asefo koma twetia, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.

7 Na AWURADE wo Nyankopɔn de nsew yi nyinaa begu w’atamfo ne wɔn a wokyi wo a wɔtaa wo no so.

8 Na wo de, wobɛsan abetie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

9 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yiye ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, efisɛ AWURADE ani begye wo ho bio ama woadi yiye sɛnea n’ani gyee w’agyanom ho no,

10 sɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wudi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw mmara nhoma yi mu no so, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa san ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a!

11 Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyɛ den mma wo, nanso enni akyirikyiri;

12 enni ɔsoro na woaka sɛ: Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

13 Na enni po agya nso na woaka sɛ: Hena na obetwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

14 Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anom ne wo koma mu sɛ yɛ.

15 Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owu ne bɔne masi w’anim,

16 na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nantew n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmude so, na woanya nkwa, na woadɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ hɔ akodi so no so.

17 Na sɛ wo koma dan na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforo na wosom wɔn a,

18 mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ ɔsɛe na mobɛsɛe, worenkyɛ asase a woretwa Yordan akɔ hɔ akodi so no so.

19 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa,

20 na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow, na woatena asase a AWURADE kaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan