Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 29 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE apam

1 Eyi ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamee Horeb ho no mu nsɛm no ho.

2 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahu nea AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo aniwa mu, wɔ Misraim asase so no nyinaa,

3 sɔhwɛ akɛse a w’aniwa hui, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse no.

4 Nanso ɛde besi nnɛ, AWURADE mmaa mo koma a enim ade ne aniwa a ehu ade ne aso a ɛte asɛm.

5 Na mama moanantew sare so mfirihyia aduanan, mo ntama nsuwii mo ho ɛ, na wo mpaboa ntetewee wo nan ase ɛ;

6 moanni abodoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

7 Na muduu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene, Og fi behyiaa yɛn ne yɛn bɛkoe, na yekum wɔn;

8 na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo abusuakuw fa sɛ wonni so.

9 Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm yi nni so, na nea moyɛ nyinaa awie mo yiye.

10 Ɛnnɛ mo nyinaa mugyina AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo atitiriw, mo mmusuakuw, mo mpanyimfo ne mo ahwɛfo, Israel mmarima nyinaa;

11 mo mma, mo yerenom ne wo hɔho a ɔwɔ wo nsra mu, efi wo duatwafo so kosi wo nsusawfo so:

12 Sɛ wobɛhyɛn AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nsew a AWURADE wo Nyankopɔn ne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu,

13 sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Onyankopɔn, sɛnea ɔka kyerɛɛ wo, ne sɛnea ɔkaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam no.

14 Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam apam yi na meredi nsew yi,

15 na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi.

16 Na mo ara munim sɛnea yɛtenaa Misraim asase so, ne sɛnea yetwaa amanaman a mofaa wɔn mu bae no mu;

17 na muhuu wɔn akyide ne wɔn nnua ne abo ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no;

18 na monhwɛ yiye, na ɔbarima bi anaa ɔbea bi anaa abusua bi anaa abusuakuw bi antena mo mu a wɔn koma redan nnɛ afi AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na ntini bi antena mo mu a ɛsow bɔre ne awɔnwene;

19 na sɛ ɔte nsew yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho ne koma mu anka sɛ: Menam me koma denyɛ mu de, nanso menya asomdwoe; na wɔansesaw nea wanom ne nea osukɔm de no ammom.

20 AWURADE rempene mfa mfiri no, na ɛno de AWURADE abufuw ne ne ninkuntwe bepun onipa ko no, na nsew a wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa beduru no, na AWURADE bɛpopa ne din afi ɔsoro ase.

21 Na AWURADE beyi no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu ama bɔne, sɛ apam a wɔakyerɛw mmara nhoma yi mu no mu nsew no nyinaa te.

22 Na sɛ awo ntoatoaso a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyi, ne ɔnanani a ofi akyirikyiri asase so bɛba no hu asase yi haw ahorow ne nyarewa a AWURADE de aba so,

23 sufre ne nkyene, ɔhyew a asase no nyinaa ahyew a wonnua so ade na ɛnsow, na wura biara mfifi so, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuw a AWURADE de n’abufuw ne n’abufuhyew butuwii no a, wɔbɛka ho asɛm,

24 na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi sɛɛ yi? Abufuw kɛse hyewhyew yi yɛ dɛn?

25 Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn apam a oyii wɔn Misraim asase so no, ɔne wɔn pamee no,

26 na wɔakɔ akɔsom anyame foforo na wɔasɔre wɔn, anyame a wonnim wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn.

27 Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ asase yi ma ɔde nnome a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa baa so;

28 enti na AWURADE atutu wɔn afi wɔn asase so abufuw ne aboɔhyew ne abohuru kɛse mu na watow wɔn agu asase bi so sɛ ɛte nnɛ yi.

29 Nneɛma a ahintaw yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi adi no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kosi daa, sɛ yenni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan