5 Mose 28 - KYERƐW KRONKRONOsetie ho nhyira ( Lewitikɔs 26.3-13 ; Deuteronomium 7.12-24 ) 1 Na sɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so; 2 na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, efisɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne. 3 Nhyira bɛka wo wɔ kurow mu, na nhyira aka wo wɔ afuw mu. 4 Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwi mma ne wo nguan mma. 5 Nhyira bɛka wo kyerɛnkyɛ ne wo mmɔre korow. 6 Nhyira bɛka wo wo fieba mu, na nhyira bɛka wo w’adifi mu. 7 AWURADE bɛma w’atamfo a wɔsɔre hyɛ wo adi ntwo, w’anim; wɔnam ɔkwan koro so befi abehyia wo, na wɔnam akwan ason so aguan w’anim. 8 AWURADE bɛhyɛ nhyira ma aba wo so, w’asan so, ne ade a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na obehyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. 9 Sɛ wudi AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so na wonantew n’akwan so a, AWURADE de wo begyina hɔ ayɛ ɔman kronkron afa, sɛnea waka wo ntam no. 10 Na asase so aman nyinaa behu sɛ wɔde AWURADE din na ɛfrɛɛ wo, na wobesuro wo. 11 Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so, wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so. 12 AWURADE bebue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so su ne bere mu, na wahyira wo nsa ano adwuma nyinaa; na wode bɛfɛm amanaman pii, na wo de, woremfɛm obi hɔ biribi. 13 Sɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnne AWURADE de wo bɛyɛ ti, na ɛnyɛ dua, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da; 14 nanso mman mfi nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkodi anyame foforo akyi nkɔsom wɔn. Asoɔden so nnome ( Lewitikɔs 26.14-46 ) 15 Nanso sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛto wo. 16 Nnome bɛka wo, kurow mu, na nnome aka wo, wuram. 17 Nnome bɛka wo kyerɛnkyɛ ne wo mmɔre korow. 18 Nnome bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’anantwi mma ne wo nguan mma. 19 Nnome bɛka wo wo fieba mu, na nnome bɛka wo w’adifi mu. 20 AWURADE bɛma nnome, wibɔ ne adapaabɔ aba wo so nea wode wo nsa bɛka ayɛ nyinaa mu de akosi sɛ wo bra bɔne nti wɔbɛdwerɛw wo, na woasɛe ntɛm, efisɛ woagyaw me. 21 AWURADE bɛma ɔyaredɔm afam wo ho de akosi sɛ obewie wo hyew afi asase a worekɔ so akɔfa no so. 22 AWURADE de ɔfɔn ne atiridii ne ahohuru ne ahohyehye kɛse ne nkrante ne ɔhow ne ɔpo bɛbɔ wo, na ebetiw wo de akosi sɛ wobɛsɛe. 23 Na wo soro a ɛwɔ w’atifi bɛdan kɔbere, na asase a ɛwɔ w’ase adan dade. 24 AWURADE de otutuw ne nso bɛyɛ w’asase so su ma afi soro atɔ wo so de akosi sɛ wɔbɛsɛe wo. 25 AWURADE bɛma woadi w’atamfo anim ntwo: Wonam ɔkwan koro so befi akohyia wɔn, na wonam akwan ason so aguan wɔn anim, na wɔbɛtow wo apete asase so ahenni nyinaa mu. 26 Na wo funu bɛyɛ wim nnomaa nyinaa ne asase so mmoa aduan, na obiara renka wɔn. 27 AWURADE de Misraim mpobia ne mpɔmpɔ ne ntutui ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo. 28 AWURADE de adammɔ ne anifurae ne komam ahodwiriw bɛbɔ wo. 29 Na wubesinsiane awia ketee sɛ onifuraefo sinsiane sum mu, na w’akwan renwie wo yiye, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afow wo daa nyinaa, na obiara rennye wo. 30 Wubegye ɔbea aware, na obi ne no ada; wubesi dan, na worentena mu; wobɛtɛw bobeturo, na worentew so aba. 31 Wobekum wo nantwi w’anim, na worenni bi; wɔbɛfa w’afurum w’anim, na wɔrennan mma wo; wɔde wo nguan bɛma w’atamfo, na worennya ogyefo. 32 Wɔde wo mmammarima ne wo mmabea bɛma ɔman bi, na w’aniwa bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’aniwa atɔ dwen daa adesae, efisɛ tumi bi nni wo nsam. 33 W’asase so aba ne w’adwumade nyinaa, ɔman a wunnim wɔn na wobedi, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo na wɔapɛtɛw wo nna nyinaa; 34 na w’aniwa ade a wubehu no bɛbɔ wo dam. 35 AWURADE de akuru bɔne bɛbɔ wo wo nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma wo fi wo nan ase kosi w’atifi. 36 AWURADE de wo ne wo hene a wubesi no wo so no bɛkɔ ɔman a wo ne w’agyanom nnim so, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo, nnua ne abo. 37 Na wobɛdan ahodwiriwde ne akasabebui ne ɛfene aman a AWURADE de wo bɛkɔ hɔ no nyinaa mu. 38 Wode aba pii befi akɔ afum, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, efisɛ ntuntummɛ bedi. 39 Wobɛtɛw bobe nturo na woadɔw mu, na nsa de, worennom, na woremmoa aba no ano, efisɛ mmoa bedi. 40 Wubenya ngodua w’asase nyinaa so, na ngo de, worensra bi, efisɛ wo ngodua no bɛporow agu. 41 Wobɛwo mmammarima ne mmabea, na wɔrenyɛ wo de, efisɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu. 42 Wo nnua nyinaa ne w’asase so aba, mmɛbɛw bɛfa. 43 Ɔhɔho a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛn wo ara, na wo de, wubesian aba famfamfam; 44 ɔno de, ɔbɛfɛm wo ade, na wo de, worennya bi mfɛm no; ɔno bɛyɛ ti, na wo de, woayɛ dua. 45 Na nnome yi nyinaa bɛba wo so na atiw wo abɛto wo akosi sɛ wobɛsɛe, efisɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wubedi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔhyɛɛ wo no so. 46 Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade, wo ne w’asefo ho daa. 47 Esiane sɛ woamfa anigye ne koma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn, taamudi mu nti, 48 wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo so no, ɔkɔm ne osukɔm ne adagyaw ne nneɛma nyinaa mu hia mu; na ɔde dade kɔndua bɛto wo kɔn so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo. 49 AWURADE de ɔman bi befi akyirikyiri afi asase ano aba wo so ɔhareso, sɛnea ɔkɔre tu: Ɔman a wonte wɔn kasa, 50 ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnhwɛ akwakoraa anim na wɔnkyɛe aberante so. 51 Na wobedi wo mmoa mma ne w’asase so aba akosi sɛ wɔbɛsɛe wo, na wɔrennyaw wo aburow, nsa anaa ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma, akosi sɛ wɔbɛsɛe wo. 52 Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkurow apon nyinaa mu akosi sɛ w’afasu atenten a ɛyɛ den a wode wo ho too so bɛba fam, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkurow nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo no nyinaa so. 53 Na wubedi wo yafunu mu aba, wo mmammarima ne wo mmabea a AWURADE wo Nyankopɔn ama wo no nam, ahohia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere wo no mu. 54 Ɔbarima a ɔyɛ mmerɛw na ɔkokɔ ne ho wɔ wo mu benya ne nua ne ne kokom yere ne ne mma nkae a wama aka no ho anibɔne, 55 sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredi no bi, efisɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, ahohia ne ahokyere a wo tamfo bɛma wo ho akyere wo, wo nkurow nyinaa mu no mu. 56 Wo mu ɔbea nso a ɔyɛ mmerɛw na ɔkokɔ ne ho a ahokokɔ ne mmerɛwyɛ nti ɔnsɔ nhwɛe pɛn sɛ ɔde ne nan besi fam no benya ne kokom kunu ne ne babarima ne ne babea ho anibɔne, 57 na obedi ne mma a wawo wɔn ne akyiriade wɔ kokoam, esiane ahohiahia ne ahokyere a wo tamfo bɛma aba wo so, wo nkurow apon nyinaa mu nti. 58 Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa, na worensuro din a ɛwɔ anuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a, 59 ɛnne AWURADE bɛma wo haw ne w’asefo haw ayɛ nwonwa, ɔhaw akɛse a ɛkyɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛ; 60 na ɔde Misraim nyarewa a wusuro no bɛba wo so, na abɛfomfam wo ho; 61 nso ɔyare biara ne ɔhaw biara a wɔnkyerɛwee mmara yi nhoma mu no, AWURADE de bɛba wo so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo. 62 Na mobɛka nnipa kakraa bi, nanso kan no na mo dodow te sɛ ɔsoro nsoromma, efisɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne. 63 Na sɛnea AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yiye na wama moadɔ no, saa ara nso na AWURADE ani begye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛw mo; na wobetutu mo afi asase a morekɔ hɔ akodi so no so. 64 Na AWURADE bɛbɔ wo apete aman nyinaa mu afi asase ano akosi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn a ɛyɛ nnua ne abo; 65 na amanaman no mu nso worennya ahodwo, na wo nammɔn rennya ɔhome; ɛhɔ nso AWURADE bɛma wo koma a etutu ne aniwa a ɛyɛ siamoo ne ɔkra a ekisa; 66 na wo nkwa bɛsɛn w’anim ahinhim, na wubesuro anadwo ne awia, na worennye wo nkwa nni. 67 Na wo koma mu suro a wubesuro ne w’aniwa mu ade a wubehu nti, anɔpa wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anadwofa ɛ! Na anadwofa nso wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anɔpa ɛ! 68 Na AWURADE de wo bɛsan afa ahyɛn mu akɔ Misraim, ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfo sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo po. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana