Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 27 - KYERƐW KRONKRON


Wɔnkyerɛw mmara no ngu aboɔpon so

1 Na Mose ne Israel mpanyimfo no hyɛɛ ɔman no sɛ: Munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.

2 Na da a mubetwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, fa abo akɛse sisi hɔ, na fa akado sra ho,

3 na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wubetwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

4 Na sɛ mutwa Yordan a, momfa abo yi a merehyɛ mo ɛho ahyɛde nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔw so, na fa akado sra ho.

5 Na si hɔ afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, abo afɔremuka; mma dade so wɔ so;

6 abo amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka, na bɔ so hyew afɔre ma AWURADE wo Nyankopɔn;

7 na bɔ asomdwoe afɔre di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.

8 Na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu abo no so, fa kurukyerɛw mu yiye.

9 Na Mose ne asɔfo Lewifo no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;

10 enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so.


Wɔdome wɔ Ebal so

11 Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ:

12 Sɛ mutwa Yordan a, eyinom na ennyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no: Simeon ne Lewi ne Yuda ne Isakar ne Yosef ne Benyamin;

13 na eyinom nnyina Ebal bepɔw so nnome: Ruben, Gad ne Aser ne Sebulon, Dan ne Naftali.

14 Na Lewifo mfi ase mfa nne kɛse nka nkyerɛ Israel nyinaa sɛ:

15 Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa agude, AWURADE akyide, odwumfo nsa ano adwuma, na ɔde besi kokoam! Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen.

16 Nnome nka nea ɔyaw n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

17 Nnome nka nea otwiw ne yɔnko hye! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

18 Nnome nka nea ɔma onifuraefo fom kwan! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

19 Nnome nka nea ɔkyea ɔhɔho, ayisaa ne okunafo atemmu! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

20 Nnome nka nea ɔne n’agya yere da, efisɛ wayi n’agya nkataho! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

21 Nnome nka nea ɔne aboa biara da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

22 Nnome nka nea ɔne ne nuabea, n’agya ba anaa ne na ba da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

23 Nnome nka nea ɔne n’ase da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

24 Nnome nka nea ohintaw bɔ ne yɔnko ade! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

25 Nnome nka nea ogye apaade sɛ obekum onipa a odi bem! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

26 Nnome nka nea ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan